Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yeremia 13 - KYERƐW KRONKRON


Ɔman no seante

1 Sɛ AWURADE ka kyerɛɛ me ni: Kɔ na kɔtɔ nwera abɔso, na fa bɔ w’asen, na mfa mmɔ nsu mu.

2 Ɛnna midii AWURADE asɛm no so kɔtɔɔ abɔso no, na mede mebɔɔ m’asen.

3 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn, ne mprenu so, sɛ:

4 Fa abɔso a wotɔe a ɛbɔ w’asen no, na sɔre kɔ Eufrate, na fa kɔkora ɔbotan tokuru mu.

5 Na misiim mede mekɔkorae Eufrate, sɛnea AWURADE hyɛɛ me no.

6 Na nna pii akyi no, AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Sɔre kɔ Eufrate, na kɔfa abɔso a mehyɛɛ wo sɛ fa kɔkora hɔ no bra.

7 Na misiim mekɔɔ Eufrate, na mekɔbɔre mefaa abɔso no mifii nea mede mekorae no; na hwɛ, abɔso no asuw, enye mma hwee.

8 Ɛnna AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

9 Sɛ AWURADE se ni: Saa ara na mɛsɛe Yuda ahantan ne Yerusalem ahantan bebrebe no.

10 Ɔmammɔne yi a wɔmpɛ sɛ wotie me nsɛm, na wɔnam wɔn koma denyɛ mu, na wodi anyame foforo akyi som wɔn sɔre wɔn no, wɔbɛyɛ sɛ saa abɔso a enye mma hwee yi.

11 Na sɛnea abɔso fam onipa asen no, saa ara na mama Israel fi nyinaa ne Yuda fi nyinaa afam me ho, AWURADE asɛm ni, sɛ wɔnyɛ me ɔman ne din ne ayeyi ne anuonyam; nanso wɔantie.

12 Enti ka asɛm yi kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama. Na wɔbɛka akyerɛ wo sɛ: So onim na yennim sɛ nsa bɛyɛ mpɔre nyinaa amaama?

13 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mɛma asase yi sofo nyinaa, ne ahene a wɔtete Dawid agua so, ne asɔfo ne adiyifo ne Yerusalemfo nyinaa abobow tintaan.

14 Na mede wɔn mɛbobɔ wɔn yɔnkonom, agyanom ne mma nyinaa, AWURADE asɛm ni; merenkyɛe wɔn so, na merenhu wɔn mmɔbɔ, na me yam renhyehye me a enti merensɛe wɔn.


Kɔkɔbɔ, nkɔmmɔdi ne duema

15 Muntie, na monyɛ aso; monnyɛ ahantan, na AWURADE na ɔkasa.

16 Monhyɛ AWURADE mo Nyankopɔn anuonyam ansa na wama sum aduru, ansa na mo anan ahintiw mmepɔw kusuu no, na morehwɛ hann kwan a, wadan no sunsuma, na wama sum kabii aduru.

17 Na sɛ moantie a, me kra besu kokoam, mo ahantan nti, na m’aniwam afi nusu ara, na nusu aporoporow me, sɛ wɔafa AWURADE nguankuw no nnommum.

18 Se ɔhene ne ɔhemmea no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo anuonyam abotiri no afi mo atifi atɔ.

19 Wɔatoto nifa fam nkurow no mu, na obi nni hɔ a obehiɛ; wɔatu Yuda nyinaa kɔ, wɔatu wɔn kɔ korakora.

20 Ma w’ani so na hwɛ wɔn a wofi atifi fam reba yi, ɛhe na wo mmoakuw a wɔde maa wo, w’anuonyam nguan kuw no wɔ?

21 Sɛ ɔde wɔn a wo ara woayɛn wɔn sɛ wo nnamfonom si wo so atitiriw a, dɛn na wobɛka? So awoko renka wo sɛ ɔbea wofo anaa?

22 Na sɛ woka wo koma mu sɛ: Ɛdɛn nti na eyinom ato me yi a, w’amumɔyɛ bebree nti na wɔayi w’atade nhyɛase adi, wɔahyɛ wo nantin yaw.

23 So Etiopiani betumi asakra ne were, anaasɛ ɔsebɔ bɛsakra ne ho nworannworan? Ɛnne mo nso mubetumi ayɛ papa, mo a bɔneyɛ akokwaw mo.

24 Enti mɛbɔ wɔn mapete sɛ ntɛtɛwa a sare so mframa de no kɔ.

25 Eyi ne w’ade a wubenya, wo kyɛfa a masusuw mama wo, AWURADE asɛm ni, efisɛ wo werɛ afi me, na wode wo ho ato atoro so.

26 Na m’ankasa nso meyi w’atade nhyɛase mabua w’ani so, na wɔahu w’ahohora no.

27 Mahu w’atantansɛm no W’awaresɛe ne wo mmɔnbɔ, w’aguamammɔ a womfɛre ho no, wɔ nwuram ne nkoko so. Due, O Yerusalem, enkosi da bɛn ara na wo ho bɛtew bio?

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan