Yeremia 11 - KYERƐW KRONKRONOdiyifo Yeremia ne Onyankopɔn apam no 1 Asɛm a efi AWURADE nkyɛn baa Yeremia nkyɛn ni: 2 Muntie apam yi mu nsɛm, na monka nkyerɛ Yuda mmarima ne Yerusalemfo. 3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn, se ni: Wɔadome nea ɔnte apam yi mu nsɛm 4 a mehyɛɛ mo agyanom, da a miyii wɔn fii Misraim asase so fii dade fononoo no mu sɛ: Muntie me, na monyɛ nneɛma a mahyɛ mo no nyinaa, na moayɛ me ɔman, na me nso mayɛ mo Onyankopɔn, 5 na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina, sɛ mede asase a ɛsen nufusu ne ɛwo mɛma wɔn, sɛ ɛte nnɛ yi. Na migyee so sɛ: Amen, AWURADE! 6 Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Pae nsɛm yi nyinaa mu ka no Yuda nkurow ne Yerusalem mmorɔn so sɛ: Muntie apam yi mu nsɛm, na munni so. 7 Efisɛ mehyɛɛ mo agyanom da a miyii wɔn fii Misraim asase so bae, na ɛde besi nnɛ, mitua ahema mehyɛ wɔn daa sɛ: Muntie me! 8 Nanso wɔantie, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔn nyinaa dii wɔn koma bɔne denyɛ so; enti mede apam yi a mehyɛɛ wɔn sɛ wonni so na wɔanni so no nsɛm nyinaa maba wɔn so. 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ me bio sɛ: Atuatew aba Yuda mmarima ne Yerusalemfo mu, 10 wɔasan kɔ wɔn tete agyanom a wɔampɛ sɛ wotie me nsɛm no amumɔyɛ mu, na wodi anyame foforo akyi som wɔn. Israel fi ne Yuda fi ato m’apam a me ne wɔn agyanom pamee no. 11 Enti sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mede bɔne a wɔrentumi mfi mu mereba wɔn so, na sɛ wosu frɛ me a, merentie wɔn. 12 Ɛnna Yuda nkurow ne Yerusalemfo bɛkɔ akosu afrɛ anyame a wɔrehyew aduhuam ama wɔn no, nanso wɔrennye wɔn, wɔn amanehunu bere no mu. 13 Na sɛ wo nkurow dodow te no, sɛ w’anyame nso dodow te nen, O Yuda; na sɛ Yerusalem mmorɔn dodow te no, saa ara na moasisi afɔremuka ama aniwude, afɔremuka a wɔhyew so aduhuam ma Baal. 14 Enti wo de, mpa kyɛw mma ɔman yi, na mma wɔn ho su ne mpaebɔ so, efisɛ wɔn amanehunu bere no mu, wosu frɛ me a, merentie. 15 Me dɔfo adi asɛmmɔne yi, dɛn na ɔwɔ yɛ wɔ me fi? So mpaeyi ne afɔrebɔ nam beyi wo mmusu no? Sɛ w’amane no ba a, wubedi ahurusi? 16 Anka AWURADE frɛ wo ngodua frɔmfrɔm fɛfɛ a ɛsow aba pa; nanso afei ɔde ahum kɛse huuyɛ asɔ ne ho gya, na wɔabubu n’abaa. 17 Na asafo AWURADE a ɔtɛw wo no akyerɛ mmusu a ɛreba wo so, bɔne a Israel fi ne Yuda fi ayeyɛ, sɛ wɔhyew aduhuam ma Baal de huru me bo no nti a. Yeremia asiane 18 Na AWURADE ma mihui, na mihu nso; ɛno mu na wokyerɛɛ me wɔn nsɛnnii. 19 Nanso me de, na mete sɛ oguammaa a odwo a wɔde no rekɔ akumii; na minnim sɛ wɔapam me tiri so sɛ: Momma yɛnsɛe dua no ne n’aba, na yentwa mfi ateasefo asase so, na wɔankae ne din bio. 20 Asafo AWURADE a woyɛ ɔtemmufo trenee a wosɔ asaabo ne koma hwɛ, ma minhu w’aweredi wɔn so, na wo na mayi m’asɛm adi makyerɛ wo. 21 Enti sɛ AWURADE ka Anatot mmarima a wɔhwehwɛ wo akum wo na wɔka sɛ: Nhyɛ AWURADE din ho nkɔm na woanwu yɛn nsa ano, no ho ni, 22 ɛno nti sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, merebɛtwe wɔn aso: Mmerante bɛtotɔ afoa ano, na ɔkɔm akunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmabea, 23 na nkae bi renka mma wɔn, na mede bɔne bɛba Anatot mmarima so, wɔn asotwe afe no mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana