Yakobo 2 - KYERƐW KRONKRONAdefo ne ahiafo 1 Me nuanom, mommma nnipa animhwɛ ne yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ anuonyam wura no ho gyidi nnni afra. 2 Na sɛ onipa a ɔhyɛ sika mpɛtea ne atade fɛfɛ ba mo hyiadan mu, na ohiani nso de atade tantan ba hɔ, 3 na mohwɛ nea ɔhyɛ atade fɛfɛ no, na moka se: Wo de, tena nea eye ha! Na moka kyerɛ ohiani no se: Wo de, gyina noho anaasɛ tena me nan ase agua ho ha a, 4 ɛno ɛnyɛ ɔpae na mopaepae mo mu, na moayɛ atemmufo a wokura adwemmɔne? 5 Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo? 6 Na mo de, moabu ohiani no animtiaa. So ɛnyɛ adefo no na wɔhyɛ mo so, na wɔn ara twe mo kɔ asɛnnii? 7 Ɛnyɛ wɔn ara na wɔka din pa a wɔde frɛ mo no ho nsɛmmɔne? 8 Enti sɛ muwie mmara a edi hene, sɛnea kyerɛw no ka sɛ: Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho no a, moyɛ no yiye. 9 Na sɛ mohwɛ anim yiyi nnipa mu a, moyɛ bɔne, na mmara no yi mo ntɛn sɛ mmaratofo. Mmara no hwehwɛ osetie 10 Na nea obedi mmara nyinaa so na ɔbɛto biako no, na wadi ne nyinaa ho fɔ. 11 Efisɛ nea ɔkae se: Nsɛe aware no, ɔkae nso se: Nni awu! Na sɛ wonsɛe aware na wudi awu a, na woayɛ mmara no tofo. 12 Monka sa na monyɛ sa, sɛ wɔn a wɔnam adehyedi mmara no so rebebu wɔn atɛn. 13 Na mmɔborohunu nni atemmu mu mma nea wanhu mmɔbɔ, na mmɔborohunu hoahoa ne ho di atemmu so nim. Gyidi a nkwa nni mu ho nni mfaso 14 Me nuanom, sɛ obi ka se ɔwɔ gyidi, nanso onni nnwuma a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? Gyidi betumi agye no anaa? 15 Na sɛ onua anaa onuabea da adagyaw, na daa aduan abɔ wɔn, 16 na mo mu bi ka kyerɛ no se: Momfa asomdwoe nkɔ, mo ho nyɛ mo hyew na mommee, nanso moamma wɔn nea ehia ɔhonam a, mfaso bɛn na ɛwɔ mu? 17 Sɛ gyidi nso te ne no. Sɛ enni nnwuma a, na awu wɔ ne nko fam. Ahonhommɔne gyidi 18 Na ebia obi bɛka se: Wowɔ gyidi, na me nso mewɔ nnwuma. Kyerɛ me wo gyidi a nnwuma nni mu no, na me nso mede me nnwuma mɛkyerɛ wo me gyidi. 19 Wugye di sɛ Onyankopɔn yɛ biako; woyɛ no yiye; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo. Abraham ne Rahab gyidi 20 Na wo, onipa hunu, wopɛ sɛ wuhu sɛ gyidi a adwuma nni ho awu anaa? 21 Ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu yɛn agya Abraham bem sɛ ɔde ne ba Isak kɔɔ afɔremuka so no? 22 Woahu sɛ ne gyidi ne ne nnwuma na ɛyɛɛ ade, na efi nnwuma no mu na gyidi no wiee pɛyɛ, 23 na kyerɛw a ese: Abraham gyee Onyankopɔn dii, na wobuu ɛno trenee maa no, na wɔfrɛɛ no, Onyankopɔn adamfo, no baa mu. 24 Muhu sɛ efi nnwuma mu na wobu onipa bem, na emfi gyidi nko mu. 25 Saa ara nso na ɛnyɛ nnwuma mu na wofi buu oguamamfo Rahab bem, sɛ ogyee abɔfo no na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no? 26 Na sɛnea nipadua a honhom nni mu awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nni mu awu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana