Yakobo 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia 1 Yakobo, Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyerɛw kɔma mmusuakuw dumien a wɔahwete no sɛ: Anigye nka mo. Gyidi ne ɔbra ho sɔhwɛ 2 Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, 3 na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ. 4 Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ ne mu, na anka mo biribi. Nyansa a efi Nyankopɔn 5 Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na ɔde bɛma no. 6 Na gyidi mu na ommisa, na onnnye biribiara ho kyim, efisɛ nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba. 7 Na mma saa onipa no nnsusuw sɛ obenya Awurade hɔ biribi. 8 Onipa a n'adwene ntanta no yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu. Aniani nneɛma rentena hɔ daa 9 Na ma onua a wabrɛ ase nhoahoa ne ho, ne so a wɔrema no mu, 10 na ɔdefo nso, n’ase a wɔrebrɛ no mu, efisɛ ɔbɛsen akɔ sɛ wuram nhwiren. 11 Na owia de ne hyehye fi na ɛhyew wura no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefo nso bekisa n’akwan so. Bɔne mfiase ne ɛso aba 12 Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no. 13 Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka se: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. 14 Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ; 15 ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu. Ade pa nko na efi Nyankopɔn 16 Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo. 17 Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu. 18 Ɔnam n’ankasa pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔde no mu adekan bi. Ahosohwɛ 19 Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw; 20 efisɛ onipa abufuw nyɛ Onyankopɔn trenee mu ade. 21 Enti munyi efi ne bɔne mmoroso nyinaa ntow nkyene, na momfa odwo nnye asɛm a wɔatɛw no mo mu a ebetumi agye mo kra no. Osetie mu nhyira 22 Na monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko nnsisi mo ho. 23 Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefo na ɔnyɛ ɔyɛfo a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu; 24 na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okurae. 25 Na nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtenaa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu. Onuadɔ ne ahotew 26 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ onyamesomfo, na wanto ne tɛkrɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa ne kra na, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa. 27 Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana