Tito 3 - KYERƐW KRONKRONAkristofo abrabɔ 1 Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara, 2 wonnni obiara ho nseku, wɔnnyɛ ntɔkwapɛfo, wonya abodwokyɛre, na wonyi odwo nyinaa adi nkyerɛ nnipa nyinaa. 3 Efisɛ yɛn nso, kan no na yɛyɛ nkwasea, asoɔdenfo, nnipa a wɔtaa yɛ mfomso, som akɔnnɔ ne anigyede horow, te nnebɔne ne nitan mu a wɔn ho yɛ ahi na wɔtentan wɔn ho wɔn ho. 4 Na yɛn Agyenkwa Onyankopɔn adɔeyɛ ne ne dɔ yii ne ho adi no, 5 emfi trenee mu nnwuma a yɛayɛ mu, na mmom ɔno ara ne mmɔborohunu nti, na ɛma ɔnam awo foforo aguare ne Honhom Kronkron foforoyɛ so gyee yɛn nkwa. 6 Ɛno na ɔnam yɛn Agyenkwa Yesu Kristo so hwie guu yɛn so pii, 7 na wɔnam n'adom so abu yɛn bem ama yɛayɛ daa nkwa no anidaso ho adedifo. 8 Ɛyɛ nokwasɛm, na eyinom na mehwɛ sɛ wohyɛ mu den, na wɔn a wɔagye Onyankopɔn adi no adwen sɛnea wɔbɛbɔ nnwuma pa ho mmɔden. Eyinom ne nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ mfaso ma nnipa. 9 Na nkwasea akyinnyegye ne anato ne kunsunkunsun ne mmara ho akasakasa de, twe wo ho fi ho; efisɛ enye mma hwee, na ɛyɛ hunu. 10 Onipa a ɔde mpaepaemu ba, a woakasa akyerɛ no prɛko ne ne mprenu no, pa no! 11 Na hu sɛ, nea ɔte saa no, ne ti asɛe, na ɔyɛ bɔne bu n’ankasa ne ho fɔ wɔ mu. Nkradi ne nhyira nsɛm 12 Sɛ mesoma Artema anaa Tikiko wo nkyɛn a, bɔ mmɔden bra me nkyɛn wɔ Nikopoli, na ɛhɔ na mabɔ me tirim sɛ merekodi awɔw bere. 13 Bɔ mmɔden gya Mmaranimfo Sena ne Apolo kwan yiye, na anhia wɔn hwee. 14 Na ma yɛn nkurofo no nsua nnwuma pa ho mmɔdemmɔ nso mfa mmoa wɔn a ehia wɔn, na aba pa ammɔ wɔn. 15 Wɔn a wɔne me wɔ hɔ nyinaa kyiakyia wo. Kyiakyia wɔn a wɔdɔ yɛn wɔ gyidi mu. Adom nka mo nyinaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana