Tito 2 - KYERƐW KRONKRONNkyerɛkyerɛ pa 1 Na wo de, ka nsɛm a ɛfata nkyerɛkyerɛ pa no. 2 Nkwakoraa ani so nna hɔ, wɔn anim nyɛ duru, wɔn adwenem ntew, wɔnyɛ den, gyidi, ɔdɔ, ne boasetɔ fam. 3 Mmerewa nso mmu wɔn bra sɛnea ɛfata nnipa kronkron, wonni nseku, wɔnnyɛ asadweam; wɔnkyerɛkyerɛ nsɛm pa, 4 na wɔde atew mmabaa adwenem ama wɔadɔ wɔn kununom ne wɔn mma, 5 na wɔadwen adwempa, ahwɛ wɔn ho so, ayɛ wɔn afi yiye, ayɛ adɛɛfo, abrɛ wɔn ho ase ama wɔn ankasa wɔn kununom, na wɔanka Onyankopɔn asɛm no ho asɛmmɔne. 6 Mmerante nso saa ara na tu wɔn fo, na wonnwen adwempa. 7 Na biribiara mu no, yi wo ho adi sɛ nnwuma pa nhwɛso: Nkyerɛkyerɛ mu yi pɛyɛ, animduru, 8 asɛmpa a eye a wonnya ho asɛm bi nka adi, na nea ɔne yɛn anya no afɛre, efisɛ onni yɛn ho bɔne biara ka. 9 Nkoa nso, wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn ankasa wɔn wuranom, wɔnsɔ wɔn ani ade nyinaa mu, wonntuatua nsɛm ano, 10 wɔnnwia nneɛma nketenkete, na mmom wonyi nokware pa nyinaa nkyerɛ; na wɔde atoto yɛn Agyenkwa Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ kwan mu, ade nyinaa mu. 11 Na Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba ma nnipa nyinaa no ayi ne ho adi. 12 Atetew yɛn sɛ, sɛ, yɛapa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ a, yɛmfa adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa ntena wiase bere yi mu 13 ntwɛn Onyankopɔn kɛse ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu ahotɔ anidaso ne n’anuonyam ahoyi. 14 Ɔno na ɔde ne ho mae maa yɛn, na wagye yɛn afi mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden. 15 Eyinom na fa tumi nyinaa ka, na tu ho fo, na yi ho ntɛn. Mma obi mmmu wo animtiaa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana