Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sefania 3 - KYERƐW KRONKRON


Yerusalem mmɔborɔ asetena

1 Due, atuatew kurow a wɔahura ho, nhyɛsofo kurow.

2 Wante asɛm, wannye nteɛso, wamfa ne ho anto Awurade so, wammɛn ne Nyankopɔn.

3 Emu mmapɔmma yɛ agyata a wɔbobom, n’atemmufo nso yɛ anadwofa mpataku, wonnyaw biribi nkosi anɔpa.

4 N’adiyifo yɛ ahohoahoafo, nkɔnkɔnsafo ara nko, n’asɔfo hura kronkronbea ho, wodi mmara ho asɛmmɔne.

5 Awurade a ɔyɛ ɔtreneeni wɔ ne mu, ɔrenyɛ abusude; daa anɔpa ɔde n’atemmu ba hann mu, onnyae da, nanso nea ɔnteɛ nnim aniwu.

6 Matwitwa amanaman agu, wɔn abantenten atifi adannan afo, mama wɔn mmorɔn so adeda mpan a obiara ntwam hɔ, wɔasɛesɛe wɔn nkurow, a nnipa nni mu, na obiara nte mu.

7 Mekae se: Suro me ara, gye nteɛso, na wɔrentwa ne tenabea nkyene, nea mahyɛ wo no nyinaa ho; nanso wotuaa ahema sɛesɛee wɔn nneyɛe nyinaa.

8 Enti monhwɛ me kwan, Awurade asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman, na mahwie m’abohuru, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhyew.

9 Na ɛno ansa na mɛdan ano kronkron makyerɛ amanaman, sɛ wɔn nyinaa mmɔ Awurade din no, na wɔnyɛ nokoro nsom no.

10 Etiopia nsubɔnten agya nohɔ na m’asɔrefo, me nnipa a wɔbɔɔ wɔn petee no, fi de m’aduan ayɛyɛde abrɛ me.

11 Ɛda no w’ani renwu wo nneyɛe a wode too me mmara no nyinaa ho bio, na emu na meyi wɔn a wodi ahantan mu ahurusi no afi wo mu, na worenkɔ so nkyerɛ wo ho, me bepɔw kronkron no so.

12 Na mɛma amanehunufo ne ahiafo aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato Awurade din no so.

13 Israel nkae no renyɛ mfomsode, na wɔrenka atosɛm, na wɔrenhu nsisi tɛkrɛma wɔn anom, na wɔn de, wɔbɛyɛn wɔn ho na wɔabutubutuw hɔ, na obi renyi wɔn hu.


Nkwagye so ayeyi

14 To ahurusi dwom, Sion babea, bɔ ose, Israel, ma w’ani nnye, na koma nyinaa nni ahurusi, O Yerusalem babea.

15 Awurade ayi w’atemmude no kɔ, watow w’atamfo agu; Awurade, Israel hene ne wo wɔ hɔ, na worensuro bɔne bi bio.

16 Ɛda no wɔbɛka akyerɛ Yerusalem sɛ: Nsuro, Sion, mmpa abaw.

17 Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ, ɔkofoni a ɔma nkonimdi; ne ho bɛsan no, anigye mu, ɔbɛyɛ wo foforo ne dɔ no mu, ne ho bɛsɛpɛw no, ahurusi dwom mu,

18 sɛ afahyɛ da. Meyi amane afi wo so, na woansoa ɛho ahohora.

19 Hwɛ, me ne w’ahawfo nyinaa bedi, ɛbere no mu, na megye asiifo no, na matase wɔn a wɔapam wɔn no, na mɛdan wɔn aniwu ayɛ ayeyi, na atene asase nyinaa so.

20 Bere no mu na mede mo mɛba fie, na ɛbere no na mɛboaboa mo ano; na mede mo mɛyɛ din ne ayeyi, asase so aman nyinaa mu, bere a mede mo ahonyade mɛsan maba no, mo aniwa behu, Awurade na ose.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan