Sefania 2 - KYERƐW KRONKRONMonsakra mo adwene. Atemmu no reba 1 Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano, ɔman a mo ani nwu ade! 2 Mommma ahyɛde no mmma ansa, da no resen aba sɛ ntɛtɛwa, mommma Awurade abufuw mu gya no mmma mo so ansa, yiw mommma Awurade abufuw da no mmma mo so ansa. 3 Monhwehwɛ Awurade, asase sofo a mobrɛ mo ho ase na moyɛ n’atemmude nyinaa! Monhwehwɛ trenee, monhwehwɛ ahobrɛase; ebia wɔbɛkora mo so, Awurade abufuw da no. 4 Na Gasa bɛyɛ kurow a wɔagyaw, na Askelon ayɛ akurofo; Asdod de, wobetu wɔn awia ketee, na Ekron ase nso, wobetutu. 5 Munnue, mpoanofo, Keretifo man! Awurade asɛm da mo so, Kanaan a ɛyɛ Filistifo asase! Mɛma wɔasɛe wo, na anka wo mufo bi. 6 Na mpoano asase bɛdan adidibea a nguanhwɛfo funu mu na nguamman wowɔ hɔ, 7 na ayɛ Yuda fi nkae asase a wɔyɛn so mmoa, Askelon afi mu na wobebutubutuw anwummere, na Awurade wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn nnommumfa asan aba. 8 Mate Moab nsopa ne Amonfo yaw a wɔde asopa me man na wɔama wɔn ho so atia wɔn hye no; 9 enti, sɛ mete ase yi, asafo Awurade, Israel Nyankopɔn asɛm ni, ampa, Moab bɛdan sɛ Sodom, na Amonfo ayɛ sɛ Gomora, nsansono sisibea ne nkyemmena ne daapem amamfo; me man nkae bɛfow wɔn, na me nkurɔfo a wɔbɛka no afa wɔn adi. 10 Wɔn ahantan nti na eyi bɛyɛ wɔn, efisɛ wɔasopa na wɔama wɔn ho so ahyɛ asafo Awurade man no. 11 Awurade ho bɛyɛ wɔn hu, efisɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara befi ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no. 12 Mo Etiopiafo nso, m’afoa ano na mobɛtotɔ. 13 Na ɔbɛteɛ ne nsa akyerɛ benkum fam, na wasɛe Asiria, na wadan Niniwe amamfo, na awo kesee sɛ sare so, 14 na mmoakuw abutubutuw mu, mmoadoma nyinaa; pokupoku ne, apɛsɛe nso bɛtena n’adum no so; wɔbɛte nnomaa su mfɛnsere mu, nwura dodow begugu apongua ase, efisɛ wama ne nkyeneduru no ho ada hɔ. 15 Eyi ne kurow a edi ahurusi a ɛte hɔ anibiannaso so, na ese ne koma mu sɛ: Me ara, na obi nni m’akyi bio. Adan amamfo, mmoa abutuwii, dɛn ara ni! Obiara a ɔnam ho twam no bɛbɔ hwirema hwee hwee, na wawosow ne nsa. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana