Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sefania 1 - KYERƐW KRONKRON


Abufuw da no

1 Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba Gedalia ba Amaria ba Hesekia ba nkyɛn, Yuda hene Yosia a ɔyɛ Amon ba bere so ni.

2 Ɔpra na mɛpra ade nyinaa afi asase ani makɔ, Awurade asɛm ni.

3 Mɛpra onipa ne aboa akɔ, mɛpra wim nnomaa ne ɛpo mu mpataa akɔ, ne hintidua ɛne abɔnefo, na matwitwa nnipa afi asase ani agu, Awurade asɛm ni.

4 Na mɛteɛ me nsa, Yuda so ne Yerusalemfo nyinaa so, na metwa Baal nkae ne abosom asɔfo no din afi ha yi agu,

5 ne wɔn a wɔsɔre ɔsoro asafo, adan atifi, ne asɔrefo a wɔkeka Awurade ntam na wɔkeka wɔn hene ntam,

6 ne wɔn a wɔsan fi Awurade akyi, ne wɔn a wɔnhwehwɛɛ Awurade na wommisaa n’akyi kwan no.

7 Monyɛ komm, Awurade Nyankopɔn anim, na Awurade da no abɛn, na Awurade asiesie okum afɔre, wadwira wɔn a wafrɛ wɔn no.

8 Na Awurade kum afɔre da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no ne wɔn a wɔhyɛ ananafo atade nyinaa aso.

9 Na ɛda no mɛtwe obiara a ohuruw tra apongua ase aso, wɔn a wɔde ɔhyɛ ne nsisi hyehyɛ wɔn wuranom afi amaama.

10 Na ɛda no, Awurade asɛm ni, osu nne befi Mpataa Pon no ano, na adwotwa afi ɔfa a ɛto so abien no mu, na ɔsɛe kɛse afi nkoko no so aba.

11 Muntwa adwo, mo a mote Mortar, efisɛ wɔasɛe aguadifo asafo no nyinaa, na wɔatwitwa wɔn a wɔsoa dwetɛ no nyinaa.

12 Na ɛbere no mu, mede akanea mɛpɛɛpɛe Yerusalem mu, na matwe nnipa a wɔada wɔn puw so no aso, wɔn a wose wɔn komam sɛ: Awurade renyɛ papa na ɔrenyɛ bɔne no.

13 Na wɔn ahonyade bɛdan afow ade, na wɔn afi adeda ntuw; wobesisi adan, na wɔrentena mu, na wɔbɛyɛ bobe nturo, na wɔrennom mu nsa.

14 Awurade da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ, Awurade da no nne yɛ nwene sɛ! Ɔdɔmmarima teɛm dennen wɔ hɔ.

15 Ɛda no yɛ anibere da, ahohia ne ahokyere da, ɔsɛe ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da,

16 torobɛnto ne osebɔ da a ɛreba afasu mu nkurow ne aban atenten ano sorɔnsorɔn so.

17 Na mehiahia nnipa ho na wɔanantew sɛ anifuraefo, efisɛ Awurade na wɔayɛ no bɔne; na wɔn mogya begu sɛ mfutuma, ne wɔn honam sɛ nwura dodow;

18 wɔn dwetɛ anaa wɔn sika rentumi nnye wɔn, Awurade abufuw da no, na ne ninkuntwe gya no mu na asase no nyinaa bɛhyew, na ɔdwerɛw a ɛba mpofirim ara na ɔde bɛba asase no sofo nyinaa so.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan