Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sakaria 8 - KYERƐW KRONKRON


Yerusalem daakye nkwagye

1 Na asafo AWURADE asɛm bae sɛ:

2 Sɛ asafo AWURADE se ni: Metwe Sion ho ninkunu kɛse, [na anibere kɛse na mede metwe ne ho ninkunu].

3 Sɛ AWURADE se ni: Meresan maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokware kurow, ne asafo AWURADE bepɔw no nso sɛ: Bepɔw kronkron.

4 Sɛ asafo AWURADE se ni: Nkwakoraa ne mmerewa bɛda so atenatena Yerusalem mmɔnten so, na wobenyin akyɛ akurakura poma wɔn nsam.

5 Na mmarimaa ne mmeawa bɛyɛ kurow no mmɔnten so mama, na wɔagoru emu mmɔnten so.

6 Sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛ ɛyɛ ɔman yi nkae ani so nwonwa nna yi mu a, so m’ani so nso ɛbɛyɛ nwonwa? Asafo AWURADE asɛm ni.

7 Sɛ asafo AWURADE se ni: Hwɛ, me ara meregye me man nkwa afi owia apuei asase ne atɔe asase so,

8 na mede wɔn maba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokware ne trenee mu.

9 Sɛ asafo AWURADE se ni: Monhyehyɛ mo nsa mu den, mo a nna yi mu mote nsɛm yi, adiyifo a wɔwɔ hɔ no anim da a wɔhyɛɛ asafo AWURADE dan no ase sɛ wɔresi asɔredan no anom no.

10 Na nna no nnya mmae no, na nea onipa nya nni hɔ, na nea aboa nya nni hɔ, na nea ofi adi ne nea ɔba mu no, ahohia nti asomdwoe nni hɔ mma no, na mehwanyan nnipa nyinaa mema onipa ne ne yɔnko dii asi.

11 Na afei mente sɛ kan nna no memma ɔman yi nkae, asafo AWURADE asɛm ni.

12 Na nea wodua no asomdwoe mu, obobe, bɛsow n’aba, na asase ama ne nnɔbae, na ɔsoro bɛtɔ ne bosu, na mɛma ɔman yi nkae afa eyinom nyinaa adi.

13 Na sɛnea modan nnome amanaman mu no, Yuda fi ne Israel fi, saa ara na megye mo nkwa, na moayɛ nhyira. Munnsuro, na monhyehyɛ mo nsa mu den.

14 Na sɛ asafo AWURADE se ni: Sɛnea mo agyanom huruu me bo na midwenee sɛ mɛyɛ mo bɔne, na mansakra m’adwene no,

15 saa ara na masan madwen nna yi mu sɛ mɛyɛ Yerusalem ne Yuda fi yiye; munnsuro!

16 Eyinom ne ade a monyɛ: Monkeka nokwasɛm nkyerɛkyerɛ mo ho; nokware ne asomdwoe na momfa mmu atɛn mo nkurow apon mu.

17 Na mo mu biara nnnwen ne yɔnko ho bɔne ne koma mu, na mommpɛ atoro ntanka, na eyinom nyinaa ne nea ɛyɛ me tan, AWURADE asɛm ni.

18 Na asafo AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

19 Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɔsram a ɛto so anan ne anum mu ne nea ɛto so ason mu ne nea ɛto so du mu akɔnkyen bɛyɛ Yuda fi ahosɛpɛw ne anigye ne afahyɛ pa; na nokware ne asomdwoe nko no mompɛ.

20 Sɛ asafo AWURADE se ni: Ɛbɛba bio sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba,

21 na kurow biako mufo akɔ kurow biako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkotow nsrɛ AWURADE anim, na yɛnhwehwɛ asafo AWURADE akyi kwan! Me nso mɛkɔ.

22 Na aman pii ne amanaman a wɔyɛ den bɛba abɛhwehwɛ asafo AWURADE akyi kwan Yerusalem, na wɔakotow asrɛ AWURADE anim.

23 Sɛ asafo AWURADE se ni: Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ: Onyankopɔn ne mo na ɛte.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan