Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sakaria 7 - KYERƐW KRONKRON


Akɔnkyen ho asɛmmisa

1 Na ɛbae sɛ ɔhene Dario afe a ɛto so anan mu no Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn, ɔsram a ɛto so akron a ɛne Kislew no da a ɛto so anan.

2 Na Betelfo somaa Sareser ne Regem-melek ne ne nnipa bae, sɛ wɔmmɛkotow nsrɛ Awurade anim,

3 na wɔnka nkyerɛ asafo Awurade fi asɔfo ne adiyifo no sɛ: So minsu ɔsram a ɛto so anum no so, na menkyen me ho kɔm, sɛnea meyɛe mfe dodow a ɛte sɛɛ yi anaa?

4 Ɛnna asafo Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

5 Bisa asase no so aman nyinaa ne asɔfo no sɛ: Mokyen kɔm na mudii nkɔmmɔ, ɔsram a ɛto so anum ne nea ɛto so ason so, mfe aduɔsɔn yi no, mokyen maa me anaa?

6 Nanso sɛ mudidi na monom nso a, so ɛnyɛ mo ara na mudidi na monom anaa?

7 So ɛnyɛ nsɛm yi na Awurade nam kan adiyifo no so ma wɔpaee mu kae, bere a Yerusalem da so wɔ hɔ a wɔte mu na emu dwo, na ne nkurow atwa ho ahyia, na wɔtete anafo fam ne tataw so no anaa?


Nea Onyankopɔn hwehwɛ fi teteete

8 Na Awurade asɛm baa Sakaria nkyɛn sɛ:

9 Sɛ asafo Awurade se ni: Mummu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔe ne mmɔborohunu so;

10 na monnhyɛ okunafo ne ayisaa, ɔhɔho ne ɔmanehunufo so, na obiara nnnwen ne nua ho bɔne ne komam.

11 Na wɔampene sɛ wotie, na wɔkekaa wɔn mmati, na wɔsorow wɔn aso na wɔantie.

12 Na wɔyɛɛ wɔn koma sɛ ahwehwɛbo, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo Awurade nam ne honhom so maa kan adiyifo no bɛkae no. Enti na abufuhyew kɛse fi asafo Awurade nkyɛn bae no.

13 Na sɛnea mefrɛe na wɔantie no, saa nso na wɔbɛfrɛ na merentie, asafo Awurade na ose.

14 Na mede ahum mɛfa wɔn akɔ amanaman a wonnim wɔn nyinaa mu, na wɔn akyi asase no adan afo, na obiara amfa so ankɔ ansan amma, na wɔama asase fɛfɛ no adan afo.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan