Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sakaria 6 - KYERƐW KRONKRON


Nteaseɛnam anan no

1 Na mesan memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ na nteaseɛnam anan fi mmepɔw abien no ntam reba, na mmepɔw no yɛ kɔbere mmepɔw.

2 Teaseɛnam a edi kan no, apɔnkɔ kɔkɔɔ na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛto so abien no, apɔnkɔbiri na ɛwɔ ho,

3 na teaseɛnam a ɛto so abiɛsa no, apɔnkɔfufu na ɛwɔ ho, na teaseɛnam a ɛto so anan no, apɔnkɔ nworannworan ahoɔdenfo na ɛwɔ ho.

4 Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasa no sɛ: Dɛn ne eyinom, me wura?

5 Na ɔbɔfo no bua see me sɛ: Eyinom ne ɔsoro mframa anan a efi adi fi nea wɔde wɔn ho gyinagyinaa asase nyinaa wura anim hɔ ba no.

6 Nea apɔnkɔbiri wɔ ho no, wofi adi kɔ atifi fam asase so, na afufu no fi adi di wɔn akyi, na nworannworan no fi adi kɔ anafo fam asase so;

7 na ahoɔdenfo no fii adi no, na wɔpɛ ntɛm anantew akyin asase so; na ɔkae sɛ: Monkɔ na munkokyin asase so.

8 Na wokokyin asase so. Ɛnna ɔteɛɛm frɛɛ me kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, wɔn a wɔrefi adi akɔ atifi fam asase so no ama me honhom ho asan no atifi fam asase no so.


Ɔsɔfopanyin no denhyɛ

9 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:

10 Gye sika ne dwetɛ fi atukɔfo a wofi Babel no Heldai ne Tobia ne Yedaia nsam, na ɛda no ara kɔ kɔhyɛn Sefania ba Yosia fi, nea wofi Babel bae hɔ,

11 na fa yɛ abotiri, bɔ Yehosadak ba ɔsɔfopanyin Yosua ti,

12 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Hwɛ, ɔbarima bi a “Baa” ne ne din, na ɔbɛfefɛw n’ananmu, na obesi Awurade asɔredan no.

13 Ɔno ara na obesi Awurade asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa anuonyam, na watena n’agua so adi hene, na wadi sɔfo n’agua so, na asomdwoe agyinatu bɛtena wɔn baanu no ntam.

14 Na Helem ne Tobia ne Yedaia ne Sefania ba no, bɛhwɛ abotiri no so, sɛ nkae ade wɔ Awurade asɔredan no mu.

15 Na akyirikyirifo bɛba abesi Awurade dan no bi, na moahu sɛ asafo Awurade na ɔsomaa me mo nkyɛn; na sɛ mutie Awurade mo Nyankopɔn a, eyi benya aba mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan