Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Sakaria 3 - KYERƐW KRONKRON


Wɔdom ɔsɔfopanyin no

1 Na ɔma mihuu ɔsɔfopanyin Yosua sɛ ogyina Awurade bɔfo no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.

2 Na Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ Satan sɛ: Awurade ntwiw w’anim, Satan, na Awurade a wapaw Yerusalem no ntwiw w’anim! So oyi nyɛ gyentia a wɔahwim afi gya mu?

3 Nso na Yosua hyɛ ntade fi na ogyina ɔbɔfo no anim.

4 Na obua see wɔn a wogyinagyina n’anim no sɛ: Munyi ne ho ntade fi no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, mama w’amumɔyɛ no afi wo so kɔ, na mede ntade nsakraho mahyɛ wo.

5 Na mise: Ma wɔmfa abotiri a ɛho tew mmɔ no. Na wɔde abotiri a ɛho tew bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no ntade. Na Awurade bɔfo no gyina hɔ.

6 Na Awurade bɔfo no dii Yosua adanse sɛ:

7 Sɛ asafo Awurade se ni: Sɛ wonantew m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛde a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fi asɛm na woawɛn m’abangua nso, na mɛma woanya eyinom a wogyinagyina ha yi ntam kwan.

8 Tie ɛ, ɔsɔfopanyin Yosua, wo ne wo mfɛfo a wɔtete w’anim no, efisɛ wɔyɛ anwonwafo; na hwɛ, mede m’akoa “Baa” reba.

9 Na hwɛ, ɔbo a mede mato Yosua anim no, ɔbo biako so na aniwa ason gu, hwɛ, ɛso na mekurukyerɛw ne nkurukyerɛwee, asafo Awurade asɛm ni, na mɛpopa asase yi amumɔyɛ da koro.

10 Ɛda no, asafo Awurade asɛm ni, mobɛfrɛfrɛ mo mfɛfo aba obobe ne borɔdɔma ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan