Sakaria 14 - KYERƐW KRONKRONYerusalem ahohia ne ne gye 1 Hwɛ, ɛda bi reba ama AWURADE, ama w’asade a wogyee wɔ wo nsa mu no wɔbɛkyɛ mu wɔ wo mfinimfini. 2 Na mɛboa amanaman nyinaa ano aba Yerusalem ne no abɛko, na wɔafa kurow no, na wɔafow afi no, na wɔahura mmea no ho, na kurow no fa afi akɔ atukɔ mu, na ɔman no nkae de, wɔrentwitwa wɔn mfi kurow no mu. 3 Na AWURADE befi adi ne amanaman no abɛko, sɛ ne koda no. 4 Na ɛda no, ne nan besisi Ngo-bepɔw a ɛda Yerusalem ntentenso apuei fam no so, na Ngo-bepɔw mfinimfini bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam, na ayɛ obon kɛse pa ara, na bepɔw no fa bɛtwe akɔ atifi fam, na ɔfa akɔ anafo fam. 5 Na mobeguanguan akɔ me mmepɔw bon mu, na mmepɔw bon no bedu Asal tɔnn, na mobeguan sɛnea moguanee asasewosow no anim, Yuda hene Usia bere so no. Na AWURADE me Nyankopɔn bɛba, na akronkronfo nyinaa bɛka ne ho. 6 Na ɛda no, awɔw anaa sukyenee biara remma. 7 Na ɛbɛyɛ da koro a adesae nni mu, AWURADE na onim, awia nni mu na anadwo nni mu; na anwummere po na hann wɔ hɔ. 8 Na ɛda no, ɛbɛba sɛ nkwa nsu betue afi Yerusalem, emu fa bɛkɔ apuei fam po no mu, na ɔfa akɔ atɔe fam po no mu, ahohurubere ne awɔwbere mu na ɛbɛba. 9 Na AWURADE bedi asase no nyinaa so hene; ɛda no, AWURADE bɛyɛ biako, na ne din ayɛ biako. 10 Asase no nyinaa bɛdan ayɛ sɛ Araba tataw so afi Geba akosi Rimon a ɛwɔ Yerusalem nifa fam, na ɛbɛkorɔn na atena n’ananmu de afi Benyamin ponkɛse ano de akosi kan ponkɛse no sibea de akosi twea ponkɛse no ano, na afi Hananel abantenten no ho de akosi ɔhene nsa-kyi-amoa no ho. 11 Na wɔbɛtena mu, na abusude biara nni hɔ bio, na mmom Yerusalem bɛtena dwoodwoo. 12 Na eyi bɛyɛ ɔhaw a AWURADE de bɛhaw amanaman a wɔatu Yerusalem so sa no nyinaa: Wɔda so gyinagyina wɔn anan so no, wɔn honam bɛporɔporɔw, na wɔn aniwa aporɔporɔw wɔn anipon mu, na wɔn tɛkrɛma aporɔporɔw wɔn anom. 13 Na ɛda no, AWURADE hooyɛ bebree bɛba wɔn mu, na wɔn nyinaa asuso wɔn ho nsam, na obiako ama ne nsa so ahyɛ ne yɔnko nsa. 14 Na Yuda ne Yerusalem bɛko, na wɔbɛboa amanaman a wɔatwa ho ahyia nyinaa ade dodow ano, sika ne dwetɛ ne ntama bebree pa. 15 Na apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ ne yoma ne mfurum ne mmoa a wɔwɔ nsra no mu no nyinaa haw bɛyɛ sɛ ɔhaw no ara. 16 Na amanaman a wɔbaa Yerusalem so no nyinaa mu nkae no nyinaa bɛforo aba, daa afe, abɛsɔre ɔhene, asafo AWURADE, na wɔahyɛ asese fa no. 17 Na asase so mmusua nyinaa mu wɔn a wɔremforo mma Yerusalem mmɛsɔre ɔhene asafo AWURADE no, wɔn na osu rentɔ wɔn so; 18 na sɛ Misraim abusua amforo amma a, ɛrentɔ wɔn so nso; na ɔhaw a AWURADE de bɛhaw amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no na ɛbɛba wɔn so. 19 Eyi na ɛbɛyɛ Misraim asotwe ne amanaman a wɔmforo mma asese afahyɛ no nyinaa asotwe. “Kronkron ma AWURADE” 20 Ɛda no wɔbɛkyerɛw apɔnkɔ nnawa so sɛ: KRONKRON MA AWURADE! Na AWURADE fi nkutu no bɛyɛ sɛ afɔremuka no anim nkora no; 21 na Yerusalem ne Yuda nkutu nyinaa bɛyɛ kronkron ama asafo AWURADE, na wɔn a wɔbɔ afɔre nyinaa bɛba abɛfa emu bi akɔnoa mu nam; na Kanaanni biara rentena asafo AWURADE no fi bio ɛda no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana