Sakaria 10 - KYERƐW KRONKRONƆman no ahofadi ne ne nhyira 1 Mummisa Awurade hɔ osu wɔ adommere mu! Mfi Awurade a ɔma ahum omununkum no nkyɛn, na ɔbɛma osu atɔ pii ama mo, na nnɔbae aba ama nnipa nyinaa. 2 Na abusua honi no kaa ahuhusɛm, na nkɔmhyɛfo no huu atosɛm na wɔkaa dae hunu, wɔde ade huhuw kyekyee onipa werɛ. Ɛno nti ɔman no tu kɔe sɛ nguan, wɔrebrɛ, efisɛ ɔhwɛfo bi nni hɔ. 3 Nguanhwɛfo no na me bo afuw wɔn, na saa mpapo no na mɛba mabɛtwe wɔn aso; na asafo Awurade rebɛhwɛ ne nguankuw, Yuda fi, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu. 4 Ɔno mu na twea bo ne mmofunnua ne akodi ta befi aba, ɔno mu na ahawfo nyinaa bɛbom afi aba. 5 Na wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima a wotiatia mmorɔn so dɔte so ɔko mu, na wobedi ako; efisɛ Awurade ne wɔn wɔ hɔ, na apɔnkɔsotefo anim begu ase. 6 Na mɛhyɛ Yuda fi baninha, na magye Yosef fi nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛ minsum wɔn mingui ɛ, na mene Awurade wɔn Nyankopɔn, na megye wɔn so. 7 Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn koma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso behu na wɔn ani agye, na wɔn koma adi Awurade mu ahurusi. 8 Mɛbɔ hwirema mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ pii sɛ kan no. 9 Na medua wɔn aman no mu, na wɔbɛkae me akyirikyiri nsaase so, na wɔne wɔn mma benya nkwa na wɔasan aba. 10 Na mɛma wɔasan afi Misraim asase so aba, na mɛboa wɔn ano afi Asiria, na mede wɔn maba Gilead ne Lebanon asase so, na wɔrennya ɔkwan po mma wɔn. 11 Na ɔbɛfa ahohia po no mu, na waboro ɛpo mu asorɔkye, na asu Nil mu abon nyinaa ayoyow; na Asaria ahantan no bɛbrɛ ase, na Misraim ahoɔden befi akɔ. 12 Na mɛhyɛ wɔn den, Awurade mu, na ne din mu na wɔbɛnantew, Awurade asɛm ni. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana