Rut Nwoma 4 - KYERƐW KRONKRONBoas ware Rut 1 Na Boas kɔɔ kurow pon no ano kɔtenaa hɔ; na hwɛ, abusua mu gyefo a Boas bɔɔ ne din no retwam. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asiamasi ee, man bra bɛtena ha. Na ɔman bɛtenaa ase. 2 Na ɔfrɛɛ kurow no mu mpanyin mu du bae, na ɔkae sɛ: Montena ha! Na wɔtenaa ase. 3 Na ɔka kyerɛɛ abusua mu gyefo no sɛ: Naomi a ɔsan fii Moab asase so bae no retɔn asase a ɛyɛ yɛn nua Elimelek de no. 4 Na me de, mise: Meyi wo asotiw sɛ tɔ wɔ nkurɔfo yi ne me mpanyin yi anim. Sɛ wubegye a, gye, na sɛ wunnye a, ka kyerɛ me na minhu, efisɛ obi nni hɔ a obegye sɛ wo ne me a midi w’akyi. Na ɔkae sɛ: Me ara megye. 5 Ɛnna Boas kae sɛ: Da a wobɛtɔ Naomi nsam asase no, wotɔ no Moabni bea Rut a ɔyɛ ɔsaman yere no nsam, na woama ɔsaman no din so n’awunnyade ho. 6 Ɛnna ogyefo no kae sɛ: Merentumi minnye memfa, na mansɛe m’ankasa m’awunyade. Wo na kogye m’ade a ɛsɛ sɛ migye no fa, na merentumi minnye. 7 Nso ogye ne nsesa ho amanne a kan no ɛwɔ Israel ni: Obi rebɛhyɛ asɛm biara den a, oyi ne mpaboa de ma ne yɔnko; na eyi na wɔde yɛ adanse wɔ Israel. 8 Enti ogyefo no ka kyerɛɛ Boas sɛ: Tɔ fa! Na oyii ne mpaboa. 9 Na Boas ka kyerɛɛ mpanyin no ne ɔman no nyinaa sɛ: Mone adansefo nnɛ, sɛ matɔ Elimelek ho nneɛma nyinaa ne Kilion ne Mahlon ho nneɛma nyinaa afi Naomi nsam. 10 Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne ti ade aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapade mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfi ne nuanom mu ne ne kurow pon ano; mone adansefo nnɛ! 11 Na ɔman a wɔwɔ kurow pon ano hɔ no nyinaa ne mpanyin no kae sɛ: Adansefo ne yɛn. AWURADE nyɛ ɔbea a waba wo fi no sɛ Rahel ne Lea a wɔn baanu akyekye Israel fi no. Na yɛ okunini wɔ Efrata, na gye din wɔ Betlehem. 12 Na w’asefo a AWURADE de bɛma wo afi ababaa yi mu no nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda fi no asefo. Dawid yɛ Rut aseni 13 Na Boas faa Rut waree, na ɔkɔɔ ne ho. Na AWURADE ma onyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima. 14 Na mmea no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Nhyira nka AWURADE a wamma ogyefo ammɔ wo nnɛ, na nhyira nka ne din wɔ Israel. 15 Na ɔnyɛ wo nkwamafo ne wo mmerewabere mu hwɛfo, efisɛ wo sew a ɔdɔ wo a oye ma wo sen mmammarima baason no na awo no. 16 Na Naomi gyee akokoaa no de no bɔɔ ne bo, na ɔyɛɛ no ɔba gyigyefo. 17 Na n’afipamfo mmea no kae sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wotoo no din, frɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid nana: Yese n’agya. 18 Eyinom ne Peres awo ntoatoaso: Peres woo Hesron, 19 na Hesron woo Ram, na Ram woo Aminadab, 20 na Aminadab woo Nahson, na Nahson woo Salmon, 21 na Salmon woo Boas, na Boas woo Obed, 22 na Obed woo Yese, na Yese woo Dawid. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana