Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Rut Nwoma 3 - KYERƐW KRONKRON


Rut ne Boas

1 Na n’ase Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba, mennhwehwɛ ahomee memma wo na asi wo yiye anaa?

2 Hwɛ, yɛn manni, Boas a wo ne ne mmaawa nantewee no wɔ hɔ; ɔrehuw atoko so anadwo yi wɔ awiporowbea.

3 Na guare na sra hyɛ wo ntade na sian kɔ aporowee hɔ; na nyi wo ho adi nkyerɛ ɔbarima no kosi sɛ obewie adidi ne ɔnom ansa;

4 na sɛ ɔkɔda na wukohu ne dabere hɔ a, kɔ koyi n’anafo ntama na da hɔ; na ɔno ara bɛkyerɛ wo nea yɛ.

5 Na obuaa no sɛ: Mɛyɛ nea woka nyinaa.

6 Na osian kɔɔ aporowee hɔ kɔyɛe sɛnea n’ase hyɛɛ no nyinaa.

7 Na Boas didi nomee na ne bo tɔɔ ne yam no, ɔkɔ kɔdaa atokokuw no ano hɔ. Na ɔbae komm beyii n’anafo ntama na ɔdaa hɔ.

8 Na ɔdasum no, ɔbarima no bɔɔ birim, na ɔmaa ne mu so hwɛe, na hwɛ, ɔbea da n’anafo.

9 Na ɔkae sɛ: Ɛyɛ wo hena? Na ose: Ɛyɛ me, w’abaawa Rut. Trɛw w’atade mmuano mu fa kata w’abaawa so, na abusua mu gyefo ne wo.

10 Na ɔkae sɛ: AWURADE nhyira wo, me ba, woama w’akyiri adɔe ayɛ yiye sen kan de no, sɛ woanni mmerante, ahiafo oo, adefo oo, akyi.

11 Na afei, me ba, nsuro. Nea woka nyinaa, mɛyɛ mama wo, efisɛ me manfo a wɔfa kurow pon ano nyinaa nim sɛ woyɛ ɔbea pa.

12 Na afei, ɛwom sɛ abusua mu gyefo ne me, nanso abusua mu gyefo bi wɔ hɔ a ɔbɛn sen me.

13 Tena ha anadwo yi, na sɛ anɔpa, ɔyɛ wo ogyefo ade a, eye, ma ɔnyɛ ogyefo: Na sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ wo ogyefo ade a, ɛnne, sɛ AWURADE te ase yi, me na mɛyɛ wo ogyefo. Da ma ade nkye.

14 Na ɔdaa n’anafo hɔ koduu anɔpa. Na ɔsɔree ansa na obi rehu ne yɔnko. Na ɔkae sɛ: Wɔmmma wɔnnte sɛ ɔbea no baa aporowee ha.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa mmuatama a egugu wo so no bra, na so mu. Na osoo mu, na osusuw atoko susukora asia guu mu, na ɔde soaa no, na ɔkɔɔ kurow no mu.

16 Na oduu n’ase nkyɛn no, obisaa sɛ: Ɛte dɛn, me ba? Na ɔkaa nea ɔbarima no yɛɛ no nyinaa kyerɛɛ no.

17 Na ɔkae sɛ: Atoko susukora asia yi na ɔmaa me, na ose, mfa nsansa nkɔ w’ase nkyɛn.

18 Na Naomi kae sɛ: Tena hɔ, me ba, kosi sɛ wubehu sɛnea asɛm yi besi, efisɛ ɔbarima no renhome gye sɛ owie asɛm yi di nnɛ ansa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan