Rut Nwoma 2 - KYERƐW KRONKRONRut di Boas afuw mu mpɛpɛw 1 Na Naomi nyaa ne kunu busuani bi a ɔyɛ ɔbarima kunini a ofi Elimelek abusua mu a ne din de Boas. 2 Na Rut, Moabni bea no, ka kyerɛɛ Naomi sɛ: Ma menkɔ mfuw mu minkodi mmɛtem no mpɛpɛw, nea menya n’anim anuonyam akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Meba, kɔ ɛ! 3 Na ɔkɔ kodii mpɛpɛw afuw mu wɔ awitwafo no akyi; na okofii afuw bi a ɛyɛ Boas a ofi Elimelek abusua mu no de mu. 4 Na hwɛ, Boas fi Betlehem bae, na okyiaa awitwafo no sɛ: AWURADE nni mo akyi. Na wogyee no so sɛ: AWURADE nhyira wo. 5 Ɛnna Boas bisaa n’abofra a ogyina awitwafo no akyi no sɛ: Hena ababaa ni? 6 Na obuaa sɛ: Ɛyɛ Moabni ababaa a ɔne Naomi san fii Moab asase so bae no. 7 Ɔbɛsrɛɛ sɛ: Ma minni awitwafo no akyi minni mpɛpɛw mentase afiafi no ntam. Na ɔbae, na okura mu ara de fi anɔpa de abedu sesɛɛ a bere tiaa bi pɛ na ɔde ahome. 8 Ɛnna Boas ka kyerɛɛ Rut sɛ: Me ba, tie! Nkɔ afuw bi mu nkodi mpɛpɛw, nso mfi ha, na fa wo ho bɔ me mmaawa yi ho. 9 Hwɛ afuw no fa a wotwa hɔ na di wɔn akyi. Hwɛ, mahyɛ mmerante no sɛ wɔnnhaw wo. Na sɛ osukɔm de wo a, kɔ nneɛma no ho kɔnom nea mmerante no asaw no bi. 10 Ɛnna Rut de n’anim butuwii fam, na ɔkotow ka kyerɛɛ Boas sɛ: Ɛdɛn nti na manya w’anim anuonyam, na w’ani ku me a meyɛ ɔnanani ho yi? 11 Na Boas buaa no sɛ: Nea wo kunu wu akyi woyɛ maa w’ase no nyinaa, wɔaka ne nyinaa akyerɛ me: Sɛnea wugyaw w’agya ne wo na ne asase a wɔwoo wo wɔ so, na wonam baa ɔman a wunnim wɔn da yi nkyɛn no. 12 AWURADE nhyɛ wo, wo nneyɛe ananmu na nya akatua mu fi AWURADE Israel Nyankopɔn a woaba ne ntaban ase abɛdan no no nsam. 13 Na ɔkae sɛ: Me wura, ma menkɔ so ara nya w'anim adom, efisɛ woakyekye me werɛ, na woaka w’abaawa asomdwoesɛm, nso mente sɛ wo mmaawa yi mu biara po. 14 Na eduu adidibere no, Boas ka kyerɛɛ no sɛ: Twiw bra ha na bedi aduan no bi, na fa wo buprɛko bɔ nsa nyinyanyinya no mu. Na ɔbɛtenaa awitwafo no nkyɛn. Na ɔmaa no nkyeweɛ no bi, na ɔwe mee ma ebi kae. 15 Na ɔsɔree sɛ ɔrekodi mpɛpɛwa no, Boas hyɛɛ ne mmerante no sɛ: Momma onni afiafi no nso ntam mpɛpɛw, na mummpoopoo no. 16 Na munyiyi afiafi no mu de no bi nnyaw ngu fam mma no, na onni no mpɛpɛw; na monnhaw no. 17 Ɛnna odii afuw no mu mpɛpɛw de koduu anwummere, na ɔporow mpɛpɛw a odii no; na ɛyɛɛ bɛyɛ atoko olonka biako. 18 Na ɔsoa baa kurow no mu; na n’ase huu nea ɔtasee no; na oyii nea odi mee na ɛkae no maa no. 19 Ɛnna n’ase bisaa no sɛ: Ɛhe na wukodii mpɛpɛw nnɛ, na ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma yi? Nhyira nka nea n’ani kuu wo ho no. Na ɔkyerɛɛ n’ase onii ko a ɔkɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma no sɛ: Ɔbarima a mekɔyɛɛ ne nkyɛn adwuma nnɛ no din de Boas. 20 Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase no sɛ: Nhyira nka no, AWURADE a onnyaee ateasefo ne awufo adɔeyɛ no anim. Na Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔbarima no yɛ yɛn busuani, ɔyɛ yɛn bogya. 21 Na Moabni Rut kae sɛ: Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ: Mmerante a mewɔ yi ho na bata kosi sɛ wobewie nea mewɔ nyinaa twa. 22 Na Naomi ka kyerɛɛ n’ase Rut sɛ: Me ba, eye sɛ wo ne ne mmaawa no bɛkɔ, na wɔanhaw wo, wɔ afuw foforo bi mu. 23 Na ɔbataa Boas mmaawa no ho dii mpɛpɛw de kosii sɛ wowiee atoko ne awi no twa. Na ɔtenaa n’ase no nkyɛn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana