Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Rut Nwoma 1 - KYERƐW KRONKRON


Elimelek tutu kɔtena Moab

1 Akannifo no bere so no, ɔkɔm baa Yuda asase so. Na ɔbarima bi a ofi Betlehem a ɛwɔ Yuda kɔe sɛ ɔkɔtena Moab asase so ayɛ hɔ hɔho, ɔno ne ne yere ne ne mmammarima baanu.

2 Ɔbarima no din de Elimelek, na ne yere din de Naomi, na ne mmammarima baanu no din de Mahlon ne Kilion, wɔyɛ Efratifo a wofi Betlehem a ɛwɔ Yuda. Na woduu Moab asase so, na wɔtenaa hɔ.

3 Na Elimelek, Naomi ne kunu no wui, na ɛkaa ɔno ne ne mma baanu no.

4 Na wɔwaree yerenom Moabfo mu, obiako din de Orpa, na obiako no din de Rut. Na wɔtenaa hɔ bɛyɛ sɛ mfe du.

5 Na wɔn baanu no: Mahlon ne Kilion, nso wuwui, na ɛkaa ɔbea no (Naomi) nko ne mma baanu no ne kunu no wu akyi.


Naomi ne ne sew san kɔ Betlehem

6 Ɛnna ɔsɔree, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresan afi Moab asase so aba, efisɛ ɔtee wɔ hɔ sɛ: AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduan.

7 Na ofii nea ɔwɔ hɔ, na ne nsewnom baanu no ka ne ho. Na wosii kwan so sɛ wɔresan aba Yuda asase so.

8 Na Naomi ka kyerɛɛ ne nsewnom baanu no sɛ: Monsan nkɔ mo nanom fi. AWURADE ne mo nni no yiye sɛnea mo ne awufo no ne me adi no yi.

9 AWURADE mma munnya atenaye mo kununom fi. Na ofifew wɔn ano; na wɔmomaa wɔn nne so susui.

10 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Dabi, yɛne wo bɛsan akɔ wo manfo nkyɛn.

11 Na Naomi kae sɛ: Me mma, monsan! Ɛdɛn na mo ne me bɛkɔ? So mmammarima da so wɔ me yam na wɔabɛyɛ mo kununom?

12 Me mma, monsan nkɔ! Na manyin dodo sɛ menya okunu. Sɛ mise: Mewɔ anidaso, na minya okunu anadwo yi na mewo mmammarima po a,

13 so ɛno nti mobɛtwɛn wɔn akosi sɛ wobenyin anaa? So ɛno nti mobɛtena hɔ a morenware anaa? Dabi, me mma, na ɛyɛ me awerɛhow dodo mo nti, efisɛ AWURADE ne me anni no yiye.

14 Na wɔmomaa wɔn nne so susui bio. Na Orpa few ne sew no ano de kraa no; na Rut de, ɔbataa ne ho.

15 Na Naomi kae sɛ: Hwɛ, wo kora asan kɔ ne manfo ne n’anyame nkyɛn. San di wo kora akyi!

16 Na Rut kae sɛ: Nhyɛ me sɛ minnyaw wo mensan mimfi w’akyi; na nea wokɔ na mɛkɔ, na nea wosoɛ na mɛsoɛ; wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn;

17 nea wubewu, na mewu, na ɛhɔ ara na wobesie me; AWURADE nyɛ me eyi ne bi nka ho, sɛ gye owu na ɛbɛtetew me ne wo ntam.

18 Na Naomi hui sɛ wawe ahina so sɛ ɔne no bɛkɔ no, ɔne no gyaee kasa wɔ ho.

19 Na wɔn baanu no nantew beduu Betlehem. Na woduu hɔ no, wɔn nti kurow no nyinaa bɔɔ twi na wɔkae sɛ: So Naomi ni?

20 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfrɛ me Naomi, na momfrɛ me Mara, efisɛ Tweaduampɔn ne me adi no bɔnwoma so sɛ!

21 Mekɔɔ no ma, na AWURADE de me hunu na aba; ɛdɛn na mofrɛ me Naomi, bere ko a AWURADE ayi me ntɛn, na Tweaduampɔn ne me adi no bɔne yi?

22 Sɛ Naomi ne n’ase Moabni Rut san fii Moab asase so bae ni. Na woduu Betlehem no, na wɔafi atokotwa ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan