Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafo 9 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn yi Israelfo

1 Mereka no nokware Kristo mu, minni atoro, na m’ahonim nso redi me adanse Honhom Kronkron mu

2 sɛ: Midi awerɛhow kɛse ne daa yaw wɔ me koma mu.

3 Na anka mepɛ sɛ woyi me ara fi Kristo ho yɛ abusude ma me nuanom a ɔhonam fam wɔyɛ m’abusuafo,

4 na wɔyɛ Israelfo a abagye ne anuonyam ne apam horow ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ horow no yɛ wɔn de;

5 na agyanom no nso wɔ wɔn, na ɔhonam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wohyira no daa daa no fii wɔn mu bae. Amen.

6 Na ɛnyɛ sɛ ebia Onyankopɔn asɛm no mu atu. Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wofi Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfo,

7 nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefo nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefo.

8 Ɛne sɛ ɛnyɛ ɔhonam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wobu wɔn asefo.

9 Efisɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afedan sesɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba.

10 Na ɛnyɛ eyi nko, na Rebeka nso ne obiakofo a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛnee,

11 na onnya nwoo mma no, na wonnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, nea ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tirim a ɔbɔɔ no nyiyimu so no atena hɔ, na amfi nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,

12 wosee no sɛ: Ɔpanyin no bɛsom akumaa no;

13 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Medɔɔ Yakob, na metan Esau.

14 Enti afei yebese dɛn? So ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn hɔ anaa? Dabida!

15 Na osee Mose sɛ: Nea mihu no mmɔbɔ no ara na mehu no mmɔbɔ, na nea me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no.

16 Ɛnne na emfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn a ohu mmɔbɔ no.

17 Na kyerɛw no see Farao sɛ: Eyi ara nti na mama wo so sɛ meyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.

18 Ɛnne na nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ na ɔma ne koma yɛ den.


Onyankopɔn abufuw ne n’ahummɔbɔ

19 Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Ɛdɛn na ɔda so nunu onipa? Na hena na obetumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asi?

20 Ɛnne, onipa, hena ne wo a wutuatua Onyankopɔn asɛm ano? So annwene bese ɔnwemfo sɛ: Dɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?

21 So okukunwemfo nni dɔte so tumi sɛ ɔde dɔtetɔw koro no ara nwene kuku biako ma no yɛ fɛ na ɔnwene foforo nso a ɛnyɛ fɛ?

22 Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu,

23 sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn?

24 Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafo nko mu, na amanaman mu nso.

25 Sɛnea ɔka Hosea nhoma mu nso sɛ: Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man”, ne nea mannɔ no no ɔdɔfo;

26 na ɛbɛba sɛ faako a wosee wɔn sɛ: Monyɛ me man no, ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn Teasefo no mma.

27 Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodow te sɛ mpoano anwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa;

28 efisɛ Awurade bedi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa.

29 Na sɛnea Yesaia aka asie no: Sɛ Asafo Awurade annya mma amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛasɛ Gomora.


Paulo mpae a ɔbɔ ma Israel

30 Enti afei yebese dɛn? Amanaman mufo a wɔantiw trenee no anya trenee, nanso ɛyɛ trenee a efi gyidi mu;

31 na Israel a wotiw trenee mmara no de, wɔanto trenee mmara no.

32 Ɛdɛn ntia? Efisɛ wotiw no sɛ emfi gyidi mu, na mmom efi nnwuma mu; efisɛ wohintiw hintibo no,

33 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ hintibo ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ; na obiara a obegye no adi no anim rengu ase.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan