Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafo 8 - KYERƐW KRONKRON


Honhom no mu nkwa

1 Ɛnne afei afobu biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.

2 Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu.

3 Na nea mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛw nti, Onyankopɔn somaa n’ankasa ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ ɔhonam no mu,

4 sɛ mmara no asɛntrenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnantew ɔhonam fam, na mmom yɛnam honhom de mu no ho.

5 Na wɔn a wɔnam ɔhonam fam no dwen ɔhonam de, na wɔn a wɔnam honhom de mu no dwen honhom de.

6 Na ɔhonam adwene yɛ owu, na honhom adwene no de, ɛyɛ nkwa ne asomdwoe.

7 Efisɛ ɔhonam adwene yɛ nitan a ɛtan Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Onyankopɔn mmara no ase, na mpo entumi;

8 na wɔn a wɔwɔ ɔhonam mu no ntumi nsɔ Onyankopɔn ani.

9 Na mo de, munni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Onyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea.

10 Na sɛ Kristo wɔ mo mu a, bɔne nti nipadua no awu de, nanso trenee nti honhom no wɔ nkwa.

11 Na sɛ nea onyan Yesu fii awufo mu no Honhom te mo mu a, nea onyan Kristo fii awufo mu no bɛma mo nipadua a ewu yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.

12 Enti afei, anuanom, ɛnyɛ ɔhonam na yɛde no ka, na yɛatena ase honam fam.

13 Na sɛ mote ase honam fam a, mubewu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛe a, mobɛtena ase.


Yɛnam honhom so yɛ Nyankopɔn mma

14 Na dodow a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Onyankopɔn mma.

15 Na moannya akoayɛ honhom a mode besuro bio, na mmom moanya abagye honhom a ɛno mu na yɛteɛm sɛ: Abba, Agya!

16 Honhom no ara ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.

17 Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnko adedifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.

18 Na mibu sɛ sesɛɛ bere yi mu amane yi nnu anuonyam a wɔrebeyi adi de ama yɛn no.

19 Na abɔde no ani gyina retwɛn Onyankopɔn mma ahoyi.

20 Na wɔde abɔde no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ n’ankasa na ɛpɛ, na mmom nea ɔde hyɛɛ ase no ntia, anidaso mu,

21 sɛ abɔde no ankasa nso bɛfa ne ho adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.

22 Na yenim sɛ abɔde nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.

23 Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ankasa nso a yɛwɔ Honhom no aba a edi kan no, yɛn nso yesi apini retwɛn abagye a ɛne ogye a wobegye yɛn nipadua no.

24 Na anidaso mu na wogyee yɛn nkwa; na anidaso a wohu nyɛ anidaso; na nea obi hu no, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani bɛda so?

25 Na sɛ yɛn ani da nea yenhu so a, yɛde boasetɔ twɛn.

26 Saa ara nso na Honhom no boa yɛn yɛn mmerɛwyɛ mu, efisɛ sɛnea yɛbɛbɔ mpae a ɛsɛ no, yennim, nanso Honhom no ara de ɔpene a enni kabea di ma yɛn.

27 Na nea ɔpɛɛpɛɛ koma mu no nim dekode a ɛyɛ Honhom no adwene, efisɛ odi ma ahotefo no sɛnea Onyankopɔn pɛ.

28 Na yenim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, ade nyinaa di boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.

29 Na wɔn a ohuu wɔn siei no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.

30 Na wɔn a oyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a obuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn anuonyam nso.


Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu

31 Na afei yebese eyinom ho dɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?

32 Nea wankame yɛn n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?

33 Hena na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ano? Onyankopɔn ne nea obu bem;

34 hena ne nea obu fɔ? Kristo Yesu ne nea owui na mpo wanyan, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso odi ma yɛn.

35 Hena na ɔbɛtetew yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa nkrante?

36 Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wo nti wokum yɛn daa nyinaa; wobu yɛn sɛ nguanten a wɔrebekum wɔn.

37 Nanso eyinom nyinaa mu na yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.

38 Na migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden

39 anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan