Romafo 7 - KYERƐW KRONKRONOwu gye yɛn fi mmara ase 1 Anaasɛ, anuanom, munnim na merekasa mekyerɛ wɔn a wonim mmara no, sɛ mmara di onipa so bere a ɔde te ase nyinaa? 2 Na ɔbea a ɔhyɛ okunu ase de, wɔde mmara akyere no asa ne kunu, bere a ɔte ase no; na sɛ okunu no wu a, wɔasan no afi okunu no mmara no ho. 3 Enti okunu no da so te ase no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefo; na sɛ okunu no wu a, na wayi ne ho afi mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforo a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefo. Kristo mu ayɔnkofa gye yɛn fi mmara ase 4 Ne saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforo a ɔne nea wɔanyan no afi awufo mu no de, na yɛasow aba ama Onyankopɔn. 5 Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsode nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnsow aba mma owu. 6 Na afei de, sɛ yɛawu ama nea ɛkyekyere yɛn no nti, wɔasan yɛn afi mmara no ho ma yɛsom honhom foforoyɛ mu, na ɛnyɛ nkyerɛwee dedaw mu. Mmara ne bɔne 7 Enti afei yebeka dɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabida, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka minnim bɔne, na sɛ mmara no anka sɛ: Mma w’ani mmmere a, anka minnim akɔnnɔ. 8 Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa ɔkwan yɛɛ akɔnnɔ nyinaa wɔ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu. 9 Na me de, makwati mmara no matena ase pɛn; na mmara asɛm no bae no, bɔne nyanee bio; 10 na me de, miwui, na saa mmara koro no ara a ɛhyɛɛ me nkwa ho bɔ no, ɛno ara nso abɛyɛ owu ama me. 11 Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa ɔkwan daadaa me, na ɛnam so kum me. 12 Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne trenee ne papa. 13 Ɛnne na nea ɛyɛ papa no adan owu ama me anaa? Dabida, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam nea ɛyɛ papa no so po de owu aba me so, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atena so. Nnipa su horow abien 14 Na yenim sɛ mmara no yɛ honhom mu ade, na me de, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase. 15 Na nea meyɛ no, minhu; efisɛ ɛnyɛ nea mepɛ na meyɛ, na mmom nea mikyi no, ɛno na meyɛ. 16 Na sɛ nea mempɛ no na meyɛ a, ɛnne mepene so sɛ mmara no ye. 17 Ɛnne na afei ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no. 18 Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, efisɛ papa ho pɛ de, ɛwɔ me mu, na mmom sɛnea mɛyɛ no de, mentumi. 19 Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. 20 Na sɛ nea mempɛ no meyɛ a, ɛnne ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no. 21 Ɛnne mihu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ nea eye no, bɔne wɔ me mu. 22 Na me mu nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; 23 nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no. 24 Me manehunufo! Hena na obeyi me afi owu yi nipadua mu? 25 Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnne afei me ara mede m’adwene mesom Onyankopɔn mmara, na ɔhonam de, mede mesom bɔne mmara. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana