Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafo 3 - KYERƐW KRONKRON

1 Afei dɛn na Yudani anya aboro so, anaasɛ twetiatwa ho mfaso ne dɛn?

2 Ɛdɔɔso akwan horow nyinaa mu: Nea edi kan ne sɛ wɔde Nyankopɔn asɛm ahyɛ wɔn nsa.

3 Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gye a wonnye nni no bɛma Onyankopɔn gyidi adan hunu anaa?

4 Dabida, na mmom, ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo, na onipa biara nyɛ ɔtorofo, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɛbɛyɛ na woadi bem wo nsɛm mu, na wubu atɛn a, woadi nkonim.

5 Na sɛ yɛn teɛ a yɛnteɛ yi na eyi Nyankopɔn trenee no kyerɛ a, yebese dɛn? Onyankopɔn nteɛ sɛ ɔde abufuw ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)

6 Dabida, sɛ ɛte saa a, anka Onyankopɔn bebu wiase atɛn dɛn?

7 Na sɛ Onyankopɔn nokware da adi mmoroso wɔ m’atoro mu kɔ n’anuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛfo,

8 Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛnea wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse: ) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛnea ɛfata.

9 Ɛnne na ɛdɛn? Yɛn Yudafo sen eyinom anaa? Yɛnsen wɔn koraa. Na yɛde kan nsɛm no akyekyere Yudafo ne Helafo nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,

10 sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Ɔtreneeni biara nni hɔ, obiako po nni hɔ.

11 Obiara nni hɔ a ɔwɔ ntease, obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

12 Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa ayɛ nea mfaso nni wɔn so, obiara nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.

13 Wɔn menewa yɛ ɔda a abue, wɔde wɔn tɛkrɛma daadaa; nhurutoa bɔre wɔ wɔn anofafa ase.

14 Nnome ne ade nwenwene ahyɛ wɔn anom ma.

15 Wɔn anan yɛ hare, mogyahwiegu ho,

16 Pasaayɛ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu,

17 na asomdwoe kwan de, wonnim.

18 Onyankopɔn suro biara nni wɔn ani so.

19 Na yenim sɛ biribiara a mmara se no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no mu, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Onyankopɔn atemmu mu.

20 Efisɛ wɔremfi mmara nnwuma mu mmu ɔhonam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hu bɔne yiye.


Tenenee a ɛnam Kristo mu gyidi so ba

21 Na afei wɔakwati mmara ayi Nyankopɔn trenee adi; ɛho adanse na mmara ne adiyifo di.

22 Na ɛyɛ Onyankopɔn trenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidi so hyɛn wɔn a wogye di nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa so. Na nsonoe biara nni mu,

23 efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn anuonyam abɔ wɔn,

24 na wɔde n'adom nam ogye a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.

25 Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatade, a ɛnam gyidi so ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne trenee, sɛ nnebɔne a wɔayɛ kan no wama atwam Onyankopɔn boasetɔ mu no nti.

26 Na ɔde akyerɛ ne trenee no wɔ ɛbere yi mu, na ɔno ankasa ateɛ, na wabu nea ofi Yesu ho gyidi mu no nso bem ama wateɛ bi.

27 Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afim. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma de so? Daabi, na mmom ɛnam gyidi mmara so.

28 Enti na yebu sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidi na ebu onipa bem.

29 Onyankopɔn yɛ Yudafo nko ara de? So ɔnyɛ amanaman mufo nso de bi? Ampa, ɔyɛ amanaman mufo de nso.

30 Sɛ ɛte saa de a, na ɛyɛ Onyankopɔn koro a ofi gyidi mu bu twetiafo bem no ara na ɔnam gyidi so bu momonoto bem.

31 Ɛnne na yɛnam gyidi so tuu mmara no gui anaa? Dabida, na mmom yɛma mmara no ase atim.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan