Romafo 2 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn tenenee atemmu no 1 Enti, wo nipa biara a wubu atɛn no, anoyi bi nni hɔ mma wo; efisɛ nea wubu obi atɛn wɔ mu no, wubu wo ankasa wo ho fɔ, efisɛ wo a wubu atɛn no, woyɛ saa ade no ara. 2 Nanso yenim sɛ Onyankopɔn atemmu fa ne kwan so pɛpɛɛpɛ, wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no so. 3 Na, wo nipa a wubu wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no atɛn na woyɛ saa ara no, wususuw sɛ wubeguan Nyankopɔn atemmu? 4 Anaasɛ wotew n’ayamye ne ne boasetɔ ne n’abodwokyɛre mapa no ho tua a, wunnim sɛ Onyankopɔn ayamye de wo rekɔ adwensakra mu? 5 Na wo komaden ne komapirim nti, woreboaboa abufuw ano de atwɛn abufuw ne Nyankopɔn atɛntrenee no adiyi da no. 6 Ɔno na obesusuw nnipa nyinaa nnwuma so ade ama wɔn mmiako mmiako. 7 Wɔn a wɔde papayɛ mu boasetɔ hwehwɛ anuonyam ne nidi ne ade a ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn daa nkwa; 8 na wɔn a wofi atutupɛ mu na wontie nokware, na wotie nea ɛnteɛ no benya abufuw ne awerɛhow, 9 ne ahometew bɛba nnipa a wɔyɛ bɔne nyinaa so, Yudafo kan ne Helafo nso. 10 Na mmom wɔn a wɔyɛ papa no nyinaa de, anuonyam ne nidi ne asomdwoe bɛba ama wɔn, Yudafo kan ne Helafo nso bi. 11 Na nnipa mu nyiyi mu ne animhwɛ nni Nyankopɔn fam. 12 Na dodow a wonni mmara na wɔyɛ bɔne no, wɔbɛkwati mmara nso ayera. Na dodow a wɔyɛ bɔne, mmara mu no, wɔnam mmara no so bebu wɔn atɛn. 13 Na ɛnyɛ mmaratiefo na wɔyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim, na mmom mmara sodifo na wobebu wɔn bem. 14 Na amanaman mufo a wonni mmara no de wɔn awosu yɛ mmara no mu nneɛma a, eyinom a wonni mmara no yɛ mmara ma wɔn ho. 15 Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔ wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso etwitwa gye wɔn, 16 ɛda a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bebu nnipa kokoamsɛm atɛn sɛnea m’asɛmpa te no. Yudafo no ne Mmara no 17 Na sɛ wɔfrɛ wo Yudani, na wode wo ho tweri mmara, na wohoahoa wo ho Onyankopɔn mu, 18 na wuhu nea ɔpɛ, na wugye nneɛma a eye pa ara no to mu, ɛnam sɛ wofi mmara mu kyerɛkyerɛ wo nti, 19 na wode wo ho to wo ho so sɛ woyɛ onifuraefo kwankyerɛfo, wɔn a wɔwɔ sum mu hann, 20 nkwasea fotufo, nkokoaa kyerɛkyerɛfo, sɛ woakwadaw nimdeɛ ne nokware a ɛwɔ mmara no mu a, 21 afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, ɛnna wuwia ade yi? 22 Wo a wuse wɔnnsɛe aware no, na wosɛe aware yi? Wo a wukyi ohoni no, na wofow asɔrefi nneɛma yi? 23 Wo a wohoahoa wo ho mmara mu no ɛnyɛ nam na wonam mmarato so de Nyankopɔn anim twitwiw fam anaa? 24 Na mo nti wɔsɛe Nyankopɔn din amanaman mu, sɛnea wɔakyerɛw no. 25 Na sɛ wudi mmara no so de a, twetiatwa ho wɔ mfaso; nanso woto mmara no de a, na wo twetiatwa no adan momonotoyɛ. 26 Enti sɛ momonoto no di mmara mu nsɛntrenee so a, so wɔremmu ne momonotoyɛ no sɛ twetiatwa anaa? 27 Na nea wɔawo no momonoto a odi mmara no so pɛ no bebu wo a wunim akyerɛwee no, na woyɛ twetiani nanso woto mmara no atɛn! 28 Na ɛnyɛ nea ɔda adi saa na ɔyɛ Yudani, nso ɛnyɛ nea ɛda adi saa ɔhonam mu na ɛyɛ twetiatwa, 29 na mmom Yudani pa ara ne nea ɔte saa wɔ ne mu, na twetiatwa pa ara ne nea wɔayɛ no komam wɔ honhom mu, na ɛnyɛ nea wɔakyerɛw mu, ɔno na n’ayeyi mfi nnipa, na mmom efi Nyankopɔn. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana