Romafo 16 - KYERƐW KRONKRONPaulo nkyia ahorow 1 Na mebɔ yɛn nuabea Foibe a ɔyɛ asafo a ɛwɔ Kenkrea no mu somfo din mede no mehyɛ mo nsa 2 sɛ: Munnye no Awurade mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo no, na munnyina n’akyi adwuma biara a mo ho behia no mu; efisɛ ɔno nso ayɛ nnipa pii ne m’ankasa boafo. 3 Munkyia Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfo Kristo Yesu mu 4 a wɔpɛe sɛ anka wɔde wɔn ara wɔn nkwa to hɔ ma de si me kra ananmu. Na ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso. 5 Munkyia asafo a ɛwɔ wɔn fi no nso. Munkyia me dɔfo Epaineto a ɔyɛ Kristo mu abakan a ofi Asia no. 6 Munkyia Maria a ɔhaw ne ho pii maa mo no. 7 Munkyia Androniko ne Yunia, m’abusuafo ne me yɔnko apokyerɛfo a wɔwɔ din asomafo no mu na wodii me kan Kristo mu no. 8 Munkyia m’Awurade mu dɔfo Amplia. 9 Munkyia yɛn Kristo mu yɔnko dwumayɛfo Urbano ne me dɔfo Staki. 10 Munkyia Apele a wɔahu no ɔnokwafo Kristo mu no. Munkyia wɔn a wofi Aristobulo fifo mu no. 11 Munkyia me busuani Herodion. Munkyia wɔn a wofi Narkiso fifo mu a wɔwɔ Awurade mu no. 12 Munkyia Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade mu mmɔden no. Munkyia ɔdɔfo Persi a ɔbɔɔ Awurade mu mmɔden pii no. 13 Munkyia Rufo a wɔayi no Awurade mu, ne ne na a ɔyɛ me nso me na no. 14 Munkyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma ne anuanom a wɔka wɔn ho. 15 Munkyia Filologo ne Yulia, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne ahotefo a wɔne wɔn wɔ hɔ nyinaa. 16 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia mo ho. Kristo asafo nyinaa kyiakyia mo. 17 Nanso, anuanom, mitu mo fo sɛ monkari wɔn a wɔde mpaepaemu ba na wɔto hintidua de sɛe nkyerɛkyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn ho. 18 Na wɔn a wɔte saa no nsom yɛn Awurade Yesu Kristo, na mmom wɔsom wɔn ankasa yafunu, na wɔde tɛkrɛmadɛ ne adɔkɔdɔkɔsɛm daadaa wɔn a wonnim bɔne no koma. 19 Na mo de, mo asoɔmmerɛw no atrɛw adu nnipa nyinaa asom; enti m’ani gye mo ho, nanso mepɛ sɛ moyɛ papa ho anyansafo, na moyɛ kronn wɔ bɔne ho, 20 na asomdwoe Nyankopɔn no bɛpɛtɛw Satan mo nan ase ntɛm. Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo. 21 Me yɔnko dwumayɛfo Timoteo ne m’abusuafo Lukio ne Yasɔn ne Sosipatro kyia mo. 22 Me Tertio a mekyerɛw nhoma yi, mikyia mo Awurade mu. 23 Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiwura kyia mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne onua Kwarto kyia mo. 24 [Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa. Amen]. 25 Nea otumi sɛ ɔhyɛ mo den, sɛnea m’asɛmpa ne Yesu Kristo ho asɛnka te, sɛnea ahintasɛm a kan teteete no wɔanka, 26 na afei wɔayi no adi, na wɔnam adiyifo kyerɛw nsɛm no so ayi no adi akyerɛ amanaman mufo, sɛnea daa Nyankopɔn hyɛ no te, ama osetie a ɛde kɔ gyidi mu, 27 Onyankopɔn a ɔyɛ onyansafo koro no, anuonyam mfa Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana