Romafo 15 - KYERƐW KRONKRONMonsɔ afoforo ani, na ɛnyɛ mo ho mmom 1 Na yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛwyɛ na yɛnsɔ yɛn ankasa ani. 2 Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim. 3 Na Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wɔn a wɔbɔ wo ahohora no ahohora agu me so. 4 Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso. 5 Na boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn mma munnwen ade koro wɔ mo mu, sɛnea Kristo Yesu kwan te no, 6 na mode koma koro ne nokoro ahyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya, anuonyam. Kristo gye Yudafo ne amanaman mufo 7 Enti munnyigye mo ho, sɛnea Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn anuonyam no. 8 Na mise: Kristo ayɛ twetiatwafo somfo de akyerɛ Onyankopɔn nokware sɛ ɔbɛhyɛ bɔ a wɔahyehyɛ agyanom no mu den; 9 na Onyankopɔn mmɔborohunu nti amanaman mufo ahyɛ no anuonyam, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Eyi nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din. 10 Na ɔkae bio sɛ: Mo amanaman mufo, mo ne ne man nni ahurusi! 11 Na bio: Mo amanaman mufo nyinaa monyi Awurade ayɛ, na mo aman ahorow nyinaa nkamfo no! 12 Na bio Yesaia ka sɛ: Yisai ntini ne nea ɔbɛsɔre abedi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda no so. 13 Na anidaso Nyankopɔn mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu, Honhom Kronkron ahoɔden mu. Nea enti a Paulo de nnam rekyerɛw nhoma yi 14 Me nuanom, migye to mu wɔ mo ho sɛ mo nso, papayɛ ahyɛ mo ma, na nimdeɛ nyinaa ayɛ mo ma tɔ, na mutumi tutu mo ho fo nso; 15 nanso nea enti a mede nnam bebrebe mekyerɛw nsɛm yi bi mebrɛɛ mo ne sɛ, mede rebɛkae mo bio ne adom a Onyankopɔn de adom me, 16 sɛ menyɛ Yesu Kristo somfo amanaman no mu, menkɔyɛ Onyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufo nyɛ afɔre a ɛyɛ dɛ a wɔatew ho Honhom Kronkron mu. 17 Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Onyankopɔn fam nneɛma mu. 18 Na merensi me bo sɛ mɛbɔ biribiara din gye nea Kristo nam me so ayɛ ama amanaman mufo setie wɔ asɛm ne adwuma mu, 19 nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie fi Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia so akodu Iliriko. 20 Nso faako a mebɔɔ mmɔden sɛ meka asɛmpa no nyɛ nea wɔabɔ Kristo din hɔ pɛn, na manto obi fapem so, 21 na mmom, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wɔn a wɔnkaa wɔn ne ho asɛm no behu, na wɔn a wɔntee no bɛte ase. Paulo pɛe sɛ ɔkɔ Roma 22 Eyi na ɛtaa sii me kwan a enti mantumi amma mo nkyɛn. 23 Na afei, sɛ menni adwuma biara wɔ ha bio, na mfe bebree na me kɔn dɔ sɛ meba mo nkyɛn nti, 24 da biara a metu kwan makɔ Spania no, m’ani da so sɛ, mebɛfa hɔ a, mehu mo anim, na sɛ migye m’ani kakra wɔ mo nkyɛn ansa a, moagya me kwan akɔ hɔ. 25 Na seisei de, merekɔ Yerusalem makɔsom ahotefo no. 26 Na Makedonia ne Akaia de fɛw aboaboa nneɛma bi ano de rekɔma ahotefo a wɔwɔ Yerusalem no mu ahiafo. 27 Ɛyɛɛ wɔn fɛ, nanso na wɔde wɔn ka; efisɛ sɛ amanaman mufo anya wɔn honhom mu nneɛma no bi a, ɛsɛ wɔn nso sɛ wɔde ɔhonam mu nneɛma bɛsom wɔn bi. 28 Enti minya miwie ade yi yɛ, na mede akyɛde no mema wɔn a, mɛfa mo nkyɛn makɔ Spania. 29 Na minim sɛ meba mo nkyɛn a, mɛba no Kristo asɛmpa nhyira mayɛ mu. 30 Nanso, anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne Honhom dɔ so mesrɛ mo sɛ monko me abia wɔ mpae a mobɔ Onyankopɔn ma me no mu, 31 na wɔabeyi me afi asoɔdenfo a wɔwɔ Yudea no nsam, na me som a merekɔsom Yerusalem no ayɛ ahotefo no fɛ, 32 na menam Onyankopɔn pɛ so maba mo nkyɛn anigye mu, na me ne mo abedwudwo yɛn ho. 33 Asomdwoe Nyankopɔn ne mo nyinaa ntena. Amen. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana