Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Romafo 12 - KYERƐW KRONKRON


Kristo mu abrabɔ foforo

1 Enti, anuanom, migyina Onyankopɔn mmɔborohunu so mitu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔre a ɛte ase a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.

2 Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.

3 Na menam ɔdom a wɔde adom me no so meka mekyerɛ mo mu biara sɛ onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen, na mmom onnwen anidahɔ adwene, sɛnea Onyankopɔn asusuw gyidi akyekyɛ de ama obiara no.

4 Na sɛnea yɛwɔ ɔhonam akwaa bebree nipadua koro mu, na ɔhonam mu akwaa no nyinaa nni adwuma koro no,

5 saa ara nso na yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua koro, Kristo mu, na yɛn nyinaa yeyɛ yɛn ho akwaa mmiako mmiako.

6 Na yɛwowɔ adom akyɛde a nsonsonee deda mu, sɛnea adom a wɔde adom yɛn no te. Sɛ ɛyɛ nkɔmhyɛ a, ma no nhyɛ no sɛnea gyidi nsusuwii pa no te.

7 Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ma ɔntena ɔsom no mu nsom. Sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a, ma ɔntena kyerɛkyerɛ no mu nkyerɛkyerɛ.

8 Sɛ ɔfotufo a, ma ɔntena n’afotu mu ntu fo. Sɛ ademukyɛfo a, ma onyi ne yam nkyɛ ade. Sɛ mpaninni a, ma ɔmmɔ ho mmɔden. Sɛ mmɔborohunufo a, ma ɔmfa animtew nyɛ.

9 Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! Munkyi bɔne, mommata papa ho!

10 Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye, munni kan nnidi mo ho ni.

11 Monnyɛ mmɔdemmɔ mu nyaa, monyɛ honhom mu hyew, monsom Awurade!

12 Momma mo ani nnye anidaso mu, ahohia mu montɔ mo bo ase, munkura mpaebɔ mu ara!

13 Momma ahotefo hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!

14 Munhyira wɔn a wɔtaa mo, munhyira, na monnnome!

15 Mo ne anigyefo ani nnye, na mo ne asufo nsu.

16 Mo nyinaa nnya adwenkoro; mommmoma ho so, na mmom momma ahobrɛasede mfa mo! Mummmu mo ho anyansafo!

17 Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim!

18 Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.

19 Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara metua ka, Awurade na ɔka saa.

20 Enti sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan! Sɛ osukɔm de no a, ma no biribi nnom! Na saayɛ na wode bɛboaboa nnyansramma ano agu n’atifi.

21 Mma bɔne nnni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan