Romafo 1 - KYERƐW KRONKRONNkyia 1 Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafo na wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn asɛmpa 2 a ɔnam n’adiyifo so hyɛɛ ho bɔ siee kyerɛw nsɛm kronkron mu, 3 wɔ ne ba a ɔhonam fam wɔwoo no Dawid aseni no ho; 4 na wɔde tumi ayi no akyerɛ sɛ Onyankopɔn Ba, ahotew honhom fam, awufo sɔre mu; ɔne Yesu Kristo, yɛn Awurade 5 a yɛnam no so anya adom ne asomafodwuma de rebrɛ amanaman nyinaa aso ase ama gyidi, ne din nti; 6 na mo a wɔafrɛ mo sɛ mommɛyɛ Yesu Kristo de nso ka ho; 7 Me Paulo, mekyerɛw de kɔma Onyankopɔn adɔfo a wɔwɔ Roma nyinaa, a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ ahotefo no: Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu nka mo. Aseda mpaebɔ 8 Nea edi kan ne sɛ mo nyinaa nti, menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wiase nyinaa. 9 Na me dansefo ne Nyankopɔn a mesom no me honhom mu, ne Ba no asɛmpa no mu, sɛ minnyae mo dinbɔ da, me mpaebɔ mu, 10 na mesrɛ daa sɛ ebia Onyankopɔn pɛ a, da bi onnya me kwan pa, na memmra mo nkyɛn. 11 Efisɛ m’ani gyina sɛ mehu mo, na mede honhom adom akyɛde bi mabrɛ mo abɛhyɛ mo den, 12 ɛne sɛ ɛnam mo gyidi ne me gyidi so, yɛn nyinaa benya awerɛkyekye wɔ yɛn mu. 13 Nso, anuanom, mempɛ sɛ mede besie mo sɛ mabɔ me tirim mpɛn pii sɛ mɛba mo nkyɛn, (nanso wɔasiw me kwan abesi sesɛɛ), na manya mo nso mu aba bi, sɛ amanaman a aka no. 14 Mede Helafo ne Pɔtɔfo, anyansafo ne wɔn a wɔyɛ adweneharefo no ka; 15 ne saa nti na mifi m’ahoɔden nyinaa mu masiesie me ho sɛ mɛka asɛmpa no makyerɛ mo a mowɔ Roma nso. Asɛmpa no mu tumi 16 Na m’ani nwu asɛmpa no ho, efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛde kɔ nkwagye mu ma wɔn a wogye di nyinaa, Yudafo kan ne Helafo nso. 17 Efisɛ emu na woyi Nyankopɔn trenee adi fi gyidi mu kɔ gyidi mu, sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Nea ɔteɛ fi gyidi mu no benya nkwa. Adasamma afobu 18 Na wɔda Nyankopɔn abufuw adi fi soro de tia nnipa a wɔnsuro Nyankopɔn na wɔde nneyɛe a ɛnteɛ nam amumɔyɛ so si nokware no kwan. 19 Efisɛ Onyankopɔn ho ade a wonim no da adi pefee wɔ wɔn mu, na Onyankopɔn na wayi akyerɛ wɔn. 20 Na Nyankopɔn ho ade a wɔnhu, efi bere a wɔbɔɔ wiase no, ɔnam nneɛma a wɔayɛ no dedaw no so ada no adi pefee ama wɔde adwene hu mu, mekyerɛ ne daa tumi ne ne nyamesu; ɛno nti wɔnni anoyi biara; 21 efisɛ wonim Nyankopɔn de, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn koma a ntease nni mu no ma. 22 Wose wɔyɛ anyansafo no, wɔdan nkwasea, 23 na wɔsakraa Onyankopɔn a ɔmporɔw no anuonyam yɛɛ onipa a ɔporɔw honi sɛso, ɛne nnomaa ne ntɔteboa ne mmoa a wɔwea de. 24 Enti Onyankopɔn nso gyaa wɔn maa afide wɔn koma akɔnnɔ mu, sɛ wongu wɔn nipadua ho fi wɔ wɔn mu; 25 efisɛ wɔsesaa Onyankopɔn nokware no gyee atoro, na wɔsɔre somm abɔde sen Ɔbɔadeɛ a wohyira no daa no. Amen. 26 Eyi nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so; 27 saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam nkitahodi yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn mfɛfo mmarima ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu. 28 Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata: 29 Sɛ nnipa a ade a ɛnteɛ nyinaa, amumɔyɛ, anibere, nnebɔne ayɛ wɔn ma. Nitan, awudi, akasakasa, nsisi, ɔbra bɔne ahyɛ wɔn ma. Wɔyɛ asututufo, 30 nsekubɔfo, Onyame atamfo, anuɔdenfo, ahantanfo, ahohoahoafo, nnebɔne farebaefo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, 31 wonni ti, apamsɛefo, wonni tema, wonni mmɔborohunu. 32 Na wonim Nyankopɔn ahyɛde yiye sɛ owu na ɛfata wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi de, nanso ɛnyɛ ɔyɛ nko na wɔyɛ, na mmom wɔpene wɔn a wɔyɛ saa ade no so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana