Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ɔsɛnkafo 9 - KYERƐW KRONKRON


Nkwa ho mfaso ne anigye

1 Na eyi nyinaa na mede mehyɛɛ me komam, na mehwehwɛɛ eyi nyinaa mu, sɛ atreneefo ne anyansafo ne wɔn nnwuma wɔ Onyankopɔn nsam, ɔdɔ oo, ɔtan oo, onipa nnim, nneɛma nyinaa yɛ wɔn pɛ.

2 Ade nyinaa ba ateasefo nyinaa so pɛ, nkrabea koro na ɛda hɔ ma ɔtreneeni ne ɔbɔnefo, nea ne ho tew, ne nea ne ho ntew, nea ɔbɔ afɔre ne nea ɔmmɔ afɔre; nea ɔteɛ te sɛ ɔdebɔneyɛfo, nea ɔka ntam te sɛ nea osuro ntanka.

3 Eyi yɛ bɔne nea wɔyɛ owia ase no nyinaa mu, sɛ nkrabea koro da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ nnipa mma koma ma, na adammɔ wɔ wɔn komam ara wɔn asetena mu, na ɛno akyi wɔkɔ awufo nkyɛn.

4 Na hena na woyi no wɔ mu? Ateasefo nyinaa nkyɛn na anidaso wɔ. Na ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.

5 Na ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara, na wonni akatua bi bio, na werɛ afi wɔn nkae.

6 Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw, na wonni nea wɔyɛ owia ase nyinaa mu kyɛfa bi bio da.

7 Kɔ na fa anigye kodi w’aduan, na fa koma pa nom wo nsa, na Onyankopɔn ani asɔ wo nneyɛe dedaw.

8 Hyɛ afahyɛ atade bere nyinaa mu, na mma ngo mmpa wo ti so.

9 Wo ne wo yere a wodɔ no ntena ase nni wo nkwa huhuw nna a ɔde ama wo owia ase no nyinaa, w’ahuhude nna nyinaa, ɛna ɛne wo de nkwa yim ne wo brɛ a worebrɛ owia ase no mu.

10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden yɛ, na adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.


Nyansa ho mfaso ne ne hunuyɛ

11 Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa.

12 Nso onipa nnim ne bere: Sɛ mpataa a woyi wɔn asawu bɔne mu ne nnomaa a woyi wɔn afiri mu no, saa ara na woyi nnipa mma bere bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.

13 Nso saa nyansa yi na mihui owia ase, na ɛso m’ani so:

14 Kurow ketewa bi wɔ hɔ, na mmarima kakraa bi wɔ mu, na ɔhenkɛse bi baa ho betwaa ho hyiae, na ɔtotoo ɛho abantenten akɛse,

15 na wohuu emu barima hiani nyansafo bi, na ɔde ne nyansa no gyee kurow no; nso obiara ankae onipa hiani no.

16 Ɛnna mise: Nyansa ye sen mmaninyɛ, nanso wobu ohiani nyansa animtiaa, na ne nsɛm no, wontie.

17 Anyansafo nsɛm a wɔte no komm sen nkwasea mu tumfo nteɛm.

18 Nyansa ye sen akode, nanso ɔdebɔneyɛfo biako sɛe papa bebree.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan