Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ɔsɛnkafo 8 - KYERƐW KRONKRON


Tie ɔhene no

1 Hena na ɔte sɛ onyansafo? Na ɛhena na onim asɛm ase kyerɛ? Onipa nyansa ma n’anim hyerɛn, na n’anim denyɛ sakra.

2 Mise: Di ɔhene anom asɛm so, Onyankopɔn ntam no nti.

3 Mpɛ ntɛm mfi n’anim nkɔ, nnyina asɛmmɔne so, na nea ɛsɔ n’ani nyinaa na ɔyɛ.

4 Efisɛ ɔhene asɛm di tumi, na hena na obetumi aka akyerɛ no sɛ: Dɛn na woreyɛ yi?

5 Nea odi mmara asɛm so no nnim asɛmmɔne bi, na onyansafo koma nim bere ne atemmu.

6 Na ɛbere ne atemmu wɔ hɔ ma nsɛnnii nyinaa, na onipa bɔne dɔɔ no so so.

7 Na obi nni hɔ a onim nea ɛbɛba, na sɛnea ɛbɛba no, hena na obetumi akyerɛ no?

8 Onipa bi nni honhom so tumi, sɛ ɔde besiw honhom no kwan, na owu da so tumi nni hɔ, na ɔkwamma nni ɔsa mu, na bɔne mma ne yɛfo mfi mu mfi.


Abɔnefo ne Atreneefo

9 Eyi nyinaa mahu, na me de, madwen adwuma a wɔyɛ owia ase nyinaa ho, ɛbere bi wɔ hɔ a onipa di onipa so tumi ma ɛdan no ɔhaw.

10 Na saa nso na mihuu abɔnefo a wosiee wɔn, na wɔhyɛn wɔn home mu, nanso wɔn a wɔyɛɛ nea ɛfata no, wofi kronkronbea kɔe na ani paa wɔn so kurow mu. Eyi nso yɛ ahuhude.

11 Sɛ nneyɛe bɔne ho afobu mma ntɛm nti, na nnipa mma bɔne ho atirimpɔw ayɛ wɔn koma ma.

12 Sɛ ɔdebɔneyɛfo di asɛmmɔne mpɛn ha na ɔtena hɔ kyɛ a, ɛnyɛ dɛn ara a, minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn na wɔfrɛ no no yiye;

13 na ɛrenwie ɔbɔnefo yiye, na ɔremma ne nna nkyɛ, ɔte sɛ sunsuma, sɛ ɔmfɛre Onyankopɔn ntia.

14 Ahuhude bi nso wɔ asase so: Sɛ atreneefo bi wɔ hɔ a ade a ɛfata abɔnefo nneyɛe bɛto wɔn, na abɔnefo nso wɔ hɔ a ade a ɛfata atreneefo nneyɛe bɛto wɔn. Mekae sɛ eyi nso yɛ ahuhude.

15 Ɛnna mekamfoo anigye, sɛ papa nni hɔ mma onipa owia ase, gye sɛ odidi na ɔnom na n’ani gye, na eyi ara na ɛfam ne ho ne brɛ mu, ne nkwa nna a Onyankopɔn de ma no owia ase no mu.

16 Mede me koma mehwɛe sɛ mehu nyansa, na mahwɛ ɔbrɛ adwuma a wɔyɛ asase so no, sɛ awia ne anadwo po onipa nnya nna, n’aniwa mu no,

17 ɛnna mihuu Onyankopɔn nneyɛe nyinaa, sɛ onipa ntumi nhu nneɛma a wɔyɛ owia ase no, sɛnea onipa bɛbrɛ de ahwehwɛ, nanso ɔrenhu, na sɛ onyansafo nso ka sɛ obehu a, ɔrentumi nhu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan