Ɔsɛnkafo 7 - KYERƐW KRONKRONAbrabɔ ho nsusuwii 1 Din pa ye sen ngo a ne bo yɛ den, na owuda ye sen awoda. 2 Awerɛhowdi fi kɔ ye sen apontow fi kɔ, efisɛ ɛno ne nnipa nyinaa awiei, na ɔteasefo de hyɛ ne komam. 3 Awerɛhow ye sen ɔserew, na anim mmɔbɔmmɔbɔyɛ mu na koma nam yɛ yiye. 4 Anyansafo koma wɔ nkɔmmɔdi fi, na nkwasea koma wɔ anigye fi. 5 Onyansafo animka tie ye sen sɛ obi tie nkwasea dwonto. 6 Na sɛ nsɔe turuturuw ɔsɛn ase no, sɛ nkwasea serew te ne no. Eyi nso yɛ ahuhude. 7 Na amimyɛ bɔ onyansafo dam, na ayɛyɛde sɛe koma. 8 Asɛm awiei ye sen ne mfiase; boasetɔ honhom ye sen ahomaso honhom. 9 Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te. 10 Nka sɛ: Ɛdɛn na kan nna no ye sen eyinom yi? Na ɛnyɛ nyansa so na wubisa eyi ase. 11 Nyansa ye sɛ awunnyade, na ɛyɛ mfaso ma wɔn a wohu owia no. 12 Na nyansa onwini ase tena te sɛ sika onwini ase tena, na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa. 13 Hwɛ Onyankopɔn nneyɛe. Na hena na obetumi ateɛ nea ɔno akyea no? 14 Da pa mu nya koma pa, na da bɔne mu dwen ho; Onyankopɔn ayɛ eyi nso aka ɛno ho, nea ɛbɛyɛ na onipa anhu n’akyi biribiara. 15 Mahu ade nyinaa m’abrabɔhunu nna mu: Ɔtreneeni bi wɔ hɔ a ɔyera ne trenee mu, na ɔbɔnefo bi wɔ hɔ a ɔkyɛ ne bɔne mu. 16 Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so; ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho? 17 Mma abɔnefosɛm nnnɔɔso na nyɛ ɔkwasea; ɛdɛn nti na wubebu wo bere mu awu? 18 Eye sɛ wuso eyi mu, na eyi nso wunyi wo nsa mfi ho; na nea osuro Onyankopɔn befi ne nyinaa mu. 19 Nyansa hyɛ onyansafo den sen atamfo du a wɔwɔ kurow mu. 20 Na onipa trenee bi nni asase so a ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne. 21 Nso mfa wo koma nsi nsɛm a wɔka nyinaa so, na woante sɛ w’akoa redome wo. 22 Na wo koma nim mpɛn bebree a wo nso wodomee ebinom. 23 Mede nyansa masɔ eyi nyinaa mahwɛ; mekae sɛ: Mehu nyansa; nso ɛne me ntam ware. 24 Nea ɛwɔ hɔ wɔ akyirikyiri na ɛyɛ donkudonku, hena na obehu? 25 Mede me koma nso mikyinii sɛ mehu na mapee mu na mahwehwɛ nyansa ne adwempa, na mahu abɔnefosɛm sɛ ɔkwaseayɛ, ne nkwaseasɛm sɛ adammɔ. 26 Na mihuu nea ɛyɛ nwene sen owu: Ɔbea a ne komam wɔ mfiri ne asawu na ne nsa yɛ nhama; nea ɔsɔ Onyankopɔn ani befi ne ho afi, na ɔdebɔneyɛfo de, ɔbɛkyere no. 27 Hwɛ eyi na mahu, ɔsɛnkafo no na ose, mefaa mmiako mmiako, na manya ho mmuae. 28 Nea me kra hwehwɛ bio nanso minhui ni: Ɔbarima biako na mahu no apem mu, na ɔbea de, minhuu bi, eyinom nyinaa mu. 29 Hwɛ, eyi nko na mihui sɛ: Onyankopɔn bɔɔ onipa yiye, na wɔn de, wɔhwehwɛ tirim adwene bebree. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana