Ɔsɛnkafo 6 - KYERƐW KRONKRONAhonyade ne anuonyam nso yɛ ahuhude 1 Bɔne bi wɔ hɔ a mahu owia ase, na ɛhyɛ nnipa so: 2 Obi a Onyankopɔn ama no ahonyade ne adedodow ne anuonyam, na nea ɛyɛ no akɔnnɔ mu biara mmɔ ne kra, nanso Onyankopɔn mma no ho kwan sɛ onni bi, na ɔnanani bi na odi, eyi de, ahuhude ne ayayade ne no. 3 Sɛ obi wo ɔha na odi mfe pii, na ne mfe mu nna dɔɔso bebree, na papa ammee ne kra nanso wɔansie no yiye a, mise, ɔpɔn ba ye sen no. 4 Na ɔba no adehunu mu, na esum mu na ɔkɔ, na esum na ɛkata ne din so, 5 owia nso wanhu na onnim: Ɔhome wɔ hɔ ma oyi sen ɔno. 6 Na sɛ mpo odi mfe apem mmɔho, nanso wannya mu papa bi a, so ɛnyɛ faako na wɔn nyinaa kɔ? 7 Onipa brɛ nyinaa, ɔbrɛ ma n’ano, nanso n’akɔnnɔ mmee no. 8 Na ɛdɛn na onyansafo de sen ɔkwasea? Ɛdɛn nso na ohiani a onim ateasefo mu abrabɔ no de kyɛn so? 9 Aniwa adehu mmom ye, sen sɛ w’akɔnnɔ kyini. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu. 10 Nea ayɛ no, wɔabɔ ne din dedaw, na wonim sɛ onipa ne no, na ontumi ne nea ɔyɛ den sen no no nham. 11 Na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma ahuhude dɔɔso; mfaso bɛn na onipa nya? 12 Na hena na onim nea eye ma onipa, nkwa mu, ne nkwa huhuw mu, nna dodow a odi sɛ sunsuma no? Na hena na ɔbɛka onipa nea ɛbɛba n'akyi owia ase no? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana