Ɔsɛnkafo 5 - KYERƐW KRONKRONMpɛ ntɛm nhyɛ bɔ 1 Sɛ worekɔ Onyankopɔn fi a, wɛn w’anan, na wobɛn kotie a, eye sen nkwasea afɔrebɔ; na wɔn de, wonnim sɛ wɔyɛ bɔne. 2 Mma w’ano nnyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo de, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi. 3 Na adaeso nam ɔbrɛdwen mu na ɛba, na ɔkwasea nne nso nam nsɛm dodow mu. 4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ bi a, ntwentwɛn ne ma ase, efisɛ onni nkwasea ho koma pa bi: Nea woahyɛ bɔ no, ma! 5 Efanim sɛ woanhyɛ bɔ sen sɛ woahyɛ bɔ na womma. 6 Mma w’ano ne wo honam nnyɛ bɔne, na nka ɔbɔfo no anim sɛ: Ɛyɛ mfomso. Ɛdɛn nti na Onyankopɔn bo mfuw wo nne na ɔnsɛe wo nsa ano adwuma. 7 Na nea ɛnam so ba ne adaeso, ahuhude ne nsɛnnodow; na Onyankopɔn mmom na suro no. Abrabɔ yɛ ahuhude 8 Sɛ wuhu sɛ wɔhyɛ ɔbrɛfo so, na atemmu ne trenee anidan wɔ asase bi so a, mma wo ho nnnwiriw wo saa asɛm no ho, na nea ɔso no, nea ɔso sen no hwɛ no, na nea ɔso koraa no wɔ wɔn so. 9 Na ne nyinaa mu mfaso ne sɛ: Ɔhene bi wɔ hɔ, ma asase a wɔdɔw so no. 10 Nea ɔpɛ sika no, sika mmee no, na nea ɔpɛ adedodow no nnya mu mfaso. Eyi nso yɛ ahuhude. 11 Nea nnepa redɔɔso no, na adidifo nso redɔɔso, na yiyedi bɛn na ɛwom ma nneɛma no wuranom, sɛ ɔhwɛ a wɔn aniwa hwɛ nko? 12 Odwumayɛfo didi kakraa oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefo mee no mma onnya adaye. 13 Bɔne bi a ɛyɛ yaw wɔ hɔ a mahu owia ase: Ɛne Ahonyade a wɔn wuranom kora so ma wɔn ara mmusu. 14 Na ahonyade no sɛe adwuma bɔne mu, na wawo ɔba a, biribiara nka ne nsam. 15 Sɛnea ofi ne na yam adagyaw mu bae no, saa ara na ɔbɛsan akɔ, sɛ ɔbae no, na ɔremfa ne brɛ mu hwee a ɔde bekita ne nsam akɔ. 16 Na eyi nso yɛ bɔne a ɛyɛ yaw, sɛnea ɔbae no ara, saa ara na ɔbɛkɔ, na ɛyɛ no mfaso bɛn sɛ ɔbrɛɛ ɔbrɛ hunu? 17 Nso ne nna nyinaa, esum mu na odii, na n’abohuru ne ne yare ne n’awerɛhow dɔɔso. Ɔpene 18 Hwɛ, nea mahu sɛ eye ne sɛ, ɛyɛ fɛ sɛ obi didi na ɔnom na ohu papa ne brɛ a ɔbrɛ owia ase no nyinaa mu, ne nkwa nna dodow a Onyankopɔn de ma no; ne ne de. 19 Nso onipa biara a Onyankopɔn ma no ahonyade ne adedodow, na ɔma no ho kwan sɛ onni bi na ɔmfa sɛ ne kyɛfa, na n’ani nnye ne brɛ mu no, eyi nso, Onyankopɔn akyɛde ne no. 20 Na ɔnkae ne nkwa nna bebree bi, efisɛ Onyankopɔn agye no so ama no ne koma anigye. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana