Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ɔsɛnkafo 4 - KYERƐW KRONKRON


Ohiani, nsiyɛfo ne ɔhene

1 Na mesan mehwɛɛ nhyɛso a ɛwɔ owia ase no nyinaa, na hwɛ, wɔn a wɔhyɛ wɔn so no nusu, na wonni ɔwerɛkyekyefo bi, na nhyɛsofo nsam den no mu no, wonni ɔwerɛkyekyefo bi!

2 Ɛnna medwenee sɛ awufo a wɔawuwu dedaw no ti ayɛ yie, sen ateasefo a wɔda so tete ase no.

3 Na nea oye sen wɔn baanu no ne nea onnya mmae a onnya nhuu nneyɛe bɔne a wɔyɛ owia ase no.

4 Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

5 Ɔkwasea pompono ne nsa te hɔ, na odi n’ankasa ne honam.

6 Koomyɛ kakra ye sen ɔbrɛ ne ɔdadwen hunu.

7 Na mesan mehwɛɛ owia ase ahuhude.

8 Obiako wɔ hɔ na obi nka ne ho, nso onni ba anaa onua, nanso ne brɛ nyinaa nni awiei, ahonya nso mmee n’aniwa. Na hena po na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Eyi nso, ahuhude ne ɔhaw bɔne ne no.

9 Baanu ye sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn;

10 na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so, na obiakofo a ɔhwe ase a obi nka ne ho mma no so nnue.

11 Nso sɛ baanu da a, wɔn ho yɛ wɔn hyew, na obiakofo de, ne ho bɛyɛ no hyew dɛn?

12 Na sɛ obi toa obiakofo a ɔrentumi nnyina, baanu no ne no de bedi asi ani; na prae a ɛbɔ mu no remmu ntɛm so.

13 Efanim aberantewa hiani nyansafo sen ɔhene akwakoraa kwasea a onnim kɔkɔbɔ tie bio.

14 Na obi fi nneduafo dan mu bedii hene, nso wɔwoo no hiani n’ahenni asase no so.

15 Mihuu ateasefo a wɔnam owia ase nyinaa ne aberantewa a otia abien a obegyinaa n’ananmu no.

16 Ɔman no nyinaa, wɔn a wodii n’anim nyinaa nni awiei, nso wɔn a wɔbɛba akyiri no ani rennye ne ho. Na eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan