Ɔsɛnkafo 3 - KYERƐW KRONKRONAde biara wɔ ne bere 1 Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ no, na ɛbere wɔ hɔ ma adwuma nyinaa ɔsoro ase: 2 Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere; ɔtɛw wɔ ne bere, na nea wɔatɛw no tutu wɔ ne bere; 3 okum wɔ ne bere, na ɔsa wɔ ne bere; obubu wɔ ne bere, na osi wɔ ne bere; 4 osu wɔ ne bere, na ɔserew wɔ ne bere; nkɔmmɔdi wɔ ne bere, na asaw wɔ ne bere; 5 abo towgu wɔ ne bere, na abo anoboa wɔ ne bere; atuuyɛ wɔ ne bere, na atuuyɛ ntetewmu wɔ ne bere; 6 ɔhwehwɛ wɔ ne bere, na ɔyera wɔ ne bere; nhwɛso wɔ ne bere, ɔtowgu wɔ ne bere 7 osuane wɔ ne bere, na ɔpam wɔ ne bere; Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa wɔ ne bere; 8 ɔdɔ wɔ ne bere, na ɔtan wɔ ne bere; akodi wɔ ne bere, na ɔmannwoe wɔ ne bere. 9 Mfaso bɛn na nea ɔyɛ adwuma no nya nea ɔbrɛ ho no mu? 10 Mahu ɔbrɛ adwuma a Onyankopɔn de ama nnipa mma sɛ wonni mmrɛ mu no. 11 Wayɛ ade nyinaa fɛfɛ ne bere mu, nso ɔde wiase ahyɛ wɔn komam, anyɛ saa de a, anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no. 12 Mahu sɛ adepa nni hɔ mma nnipa, gye sɛ wɔma wɔn ani gye na wɔyɛ yiye wɔn nkwa mu; 13 nanso sɛ onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu a, Onyankopɔn akyɛde ne no. 14 Mahu sɛ ade biara a Onyankopɔn yɛ no, ɛno na ɛbɛtena hɔ daa, wɔrenka ho bi, na wɔrenyi mu bi. Na Onyankopɔn yɛe sɛ wonsuro n’anim. 15 Nea ɛba no yɛ teteete ade, na nea ɛrebɛba no nso, ɛbae teteete, na Onyankopɔn hwehwɛ nea ɛsen kɔ bio. Asisisɛm a ɛwɔ wiase 16 Na nea mahu bio owia ase ne atemmubea a abɔnefosɛm wɔ hɔ ne treneebea a amumɔyɛ wɔ hɔ. 17 Mekae me komam sɛ: Ɔtreneeni ne ɔbɔnefo nyinaa, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn, efisɛ adwuma nyinaa ne nneyɛe nyinaa wɔ ne bere. 18 Mekae me komam wɔ nnipa ho sɛ: Onyankopɔn resɔ wɔn ahwɛ, na wɔahu sɛ wɔn fam no wɔyɛ mmoa ara nko. 19 Na nnipa mma hyɛbea ne mmoa hyɛbea sɛ, na hyɛbea koro da hɔ ma wɔn: Sɛ oyi wu te no, sɛ oyi wu te ne no, na honhom biako na wɔn nyinaa wɔ, na ɔkyɛn a onipa bɛkyɛn aboa nni hɔ; na ade nyinaa yɛ ahuhude. 20 Ade nyinaa kɔ faako, ade nyinaa fi dɔte mu, na ade nyinaa san kɔ dɔte mu. 21 Hena na onim nnipa mma honhom sɛ ɔforo kɔ ɔsoro, ne mmoa honhom sɛ osian kɔ asase ase? 22 Na mihui sɛ adepa bi nni hɔ gye sɛ onipa ani gye ne nnwuma mu, na ɛno ne ne de; na hena na ɔde no bɛba na wabɛhwɛ nea ɛbɛba n'akyi no? |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana