Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ɔsɛnkafo 2 - KYERƐW KRONKRON


Anigye ne adwuma yɛ ade huhuw

1 Mekae me komam sɛ: Bra na memfa anigye mensɔ wo menhwɛ, na hu adepa! Na hwɛ, ɛno nso yɛ ahuhude.

2 Misee ɔserew sɛ: Ɛyɛ adammɔ! Na misee anigye sɛ: Mfaso bɛn na ɛwɔ ho?

3 Medwen me komam, sɛ mede nsa mɛhwɛ me honam, na maso nkwaseasɛm mu makosi sɛ mehu nea eye ma nnipa mma a wɔbɛyɛ ɔsoro ase, wɔn nkwa nna kakra no, nso na merema nyansa akyerɛ me kwan.

4 Meyɛɛ nnwuma akɛse, misisii adan, meyɛɛ bobe nturo,

5 meyɛɛ nturo ne mfikyifuw fɛfɛ fae, na miduaduaa mu nnua a ɛsow aba ahorow nyinaa;

6 meyeyɛɛ nsu atare, na mede mu nsu magugu kwae mu nnua a ɛrenyin no so;

7 minyaa nkoa ne mfenaa, na ofie nnipa nso wɔ me; nso minyaa anantwi ne nguan akuwakuw pii sen wɔn a wodii me kan Yerusalem nyinaa;

8 nso meboaa dwetɛ ne sika ne ahene ne nsaase so ademude ano; misii mmarima ne mmea nnwontofo ne nnipa mma anigyede ne ɔyerenom bebree;

9 na meyɛɛ onipa titiriw, mekɔɔ so mesen wɔn a wodii me kan Yerusalem nyinaa, na me nyansa nso amfi me nsa,

10 na biribiara a m’aniwa hwehwɛe no, mankame no; mansiw me koma anigye biara ho kwan, na me koma ani gyei me brɛ no nyinaa mu, na eyi yɛɛ me brɛ no nyinaa mu kyɛfa.

11 Ɛnna medan m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛe no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛe no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu, na mfaso bi nni mu owia ase.

12 Na medan m’ani sɛ merehwɛ nyansa ne adammɔ ne nkwaseasɛm, na dɛn na onipa a ɔbɛba ɔhene akyi no bɛyɛ? Gye nea wɔayɛ no dedaw!

13 Na mihui sɛ mfaso wɔ nyansa mu sen nkwaseasɛm, sɛnea hann mfaso sen sum de no.

14 Onyansafo de, n’aniwa wɔ ne tirim, na ɔkwasea de, esum mu na ɔnantew. Nanso mihui nso sɛ asiane koro no ara na esiane wɔn nyinaa.

15 Na mekae me komam sɛ: Nea esiane ɔkwasea no bi ara na esiane me nso, na ɛno de, ɛdɛn nti na mihuu nyansa mesen ebinom? Na mekaa me komam sɛ: Eyi nso yɛ ahuhude.

16 Na onyansafo ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa, efisɛ nna a ɛbɛba no mu no na werɛ afi wɔn nyinaa dedaw; na ɛyɛ dɛn na onyansafo ne ɔkwasea nyinaa wuwu!

17 Ɛnna asetena fonoo me, efisɛ nneɛma a wɔyɛ owia ase no nye m’ani so: Na ne nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

18 Na me brɛ a mebrɛe owia ase no nyinaa fonoo me, sɛ merebegyaw mama onipa a obedi m’akyi aba no.

19 Na hena na onim sɛ ɔbɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso obedi m’ade a mebrɛɛ ho mede nyansa minyae owia ase no nyinaa so. Eyi nso yɛ ahuhude.

20 Na medan me ho memaa me koma tui, ɔbrɛ a mebrɛe owia ase no nyinaa ho.

21 Na onipa bi wɔ hɔ a ne brɛ wɔ nyansa ne nimdeɛ ne yiyedi mu, nanso ɔde bɛma onipa a wammrɛ mu sɛ ne kyɛfa: Eyi nso yɛ ahuhude ne adebɔne kɛse.

22 Na ɛdɛn na onipa nya ne brɛ nyinaa ne ne koma mu dadwen a ɔde haw ne ho owia ase no mu?

23 Na ne nna nyinaa yɛ ayayade, na ne haw yɛ no awerɛhow, nso anadwo mpo, ne koma ntɔ ne yam. Eyi nso, ahuhude ne no.

24 Biribi pa bi nna hɔ mma onipa sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa ne brɛ no mu; eyi nso mahu sɛ Onyankopɔn nsam na efi;

25 na hena na odidi, na hena na onya biribi sen me?

26 Na onipa a oye wɔ Onyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigye, na ɔdebɔneyɛfo de, ɔma ɔhaw ne ho tase ade boa ano de ma nea oye Onyankopɔn anim. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan