Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ɔsɛnkafo 12 - KYERƐW KRONKRON

1 Na kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: Minni ho anigye, no adu.

2 Ansa na owia ne hann ne ɔsram ne nsoromma aduru sum, na osu nya tɔ a, asan amuna,

3 ɛda a ofie awɛmfo ho bɛpopo, na mmarima ahoɔdenfo no mu akurum, na awiyamfo agyae, sɛ wɔasua nti, na wɔn a wɔhwɛ mfɛnsere mu ani so ayɛ wɔn kusuu;

4 na wɔatoto borɔn so apon mu, na awiyamee gyegyeegye ano abrɛ ase, na wasɔre anomaa su ano, na nnwontofo nyinaa nne asi ase;

5 na wɔasuro nea ɛkorɔn, na ehu aba ɔkwan mu, na ɔsonkoran aba ayɛ mfonoee, na abɛbɛw ayɛ adesoa, na akɔnnɔ to atwa, efisɛ onipa rekɔ ne daa fie, na ayiyɛfo rekyin mmorɔn so.

6 Ansa na dwetɛ hama no atew, na sika toaa no apae, na ahina no abɔ asu ho, na asubura ho nkyimii abubu,

7 na dɔte asan akɔ asase mu sɛ ɛte kan no, na honhom asan akɔ Onyankopɔn a ɔde mae no nkyɛn.

8 Ahuhude mu ahuhude, ɔsɛnkafo no na ose, ne nyinaa yɛ ahuhude!


Asɛm no awiei ne Onyankopɔn suro

9 Nanso nea ɛka ho a ɔsɛnkafo no yɛ mu nyansafo no, ɔkyerɛɛ ɔman no nimdeɛ kaa ho, na ɔkarii na opee mu, na obubuu mmɛ bebree.

10 Ɔsɛnkafo no hwehwɛe sɛ obehu nsɛm a ɛyɛ dɛ, na nea wɔakyerɛw no ne trenee ne nokware nsɛm.

11 Anyansafo nsɛm te sɛ anantwikafo mpeaw ne nnadewa a nhyiam mu akunini de ama a ɔhwɛfo biako na ɔde mae.

12 Na nea aka eyinom akyi no nso, me ba, fa tew w’adwenem. Nhoma bebree yɛ nni awiei, na adesua pii hyɛ ɔhonam brɛ.

13 Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.

14 Na nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan