Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ɔsɛnkafo 11 - KYERƐW KRONKRON


Gu w’aba ntɛm

1 Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu.

2 Kyɛ mu ma nnipa baasɔn anaa baawɔtwe mpo, na wunnim bɔne ko a ɛbɛba asase so.

3 Sɛ osu yɛ amununkum ma a, ɛtɔ gu asase so; na sɛ dua kɔhwe anafo fam anaa atifi fam a, faako a dua no hwee no, ɛhɔ na ɛbɛda.

4 Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba, na nea ɔhwɛ amununkum no rentwa.

5 Sɛnea wunnim mframa kwan ne sɛ nnompe nyin onyinsɛnfo yam no, saa ara na wunnim Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa no nneyɛe.

6 Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.

7 Hann nso yɛ dɛ, na ɛyɛ aniwa fɛ sɛ ehu owia.

8 Na sɛ onipa di mfe pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, nanso ɔnkae sum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; nea ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhude.


Mmerantebere mu anigye

9 Aberante, ma w’ani nnye wo mmofraase, na nya koma pa wo mmerantebere mu, na fa wo koma akwan so ne nea w’aniwa hu mu, nso hu sɛ eyinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmu.

10 Na yi awerɛhow fi wo koma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmofraase ne mmerantebere yɛ ahuhude.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan