Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ɔsɛnkafo 10 - KYERƐW KRONKRON


Nyansa ho mmɛ horow

1 Nwansena funu ma odufrafo aduru bɔn na ɛporɔw, na nkwaseasɛm kakra yɛ duru sen nyansa ne anuonyam.

2 Onyansafo koma wɔ ne nifa mu, na ɔkwasea koma wɔ ne benkum mu.

3 Nanso ɔkwan biara a ɔkwasea fa so no, ntease bɔ no, na ɔka kyerɛ nnipa nyinaa sɛ ɔyɛ ɔkwasea.

4 Sɛ otumfo honhom sɔre hyɛ wo a, nnyaw w’afa, na odwo brɛ bɔne akɛse ase.

5 Adebɔne bi wɔ hɔ a mihui owia ase sɛ mfomso bi a efi otumfo anim,

6 wɔama nkwasea so bebree, na adefo tete fam.

7 Mahu nkoa a wɔtete apɔnkɔ so ne adehye a wɔnenam fam sɛ nkoa.

8 Nea otu amoa no, emu na ɔbɛhwe, na nea oburuw ban no, ɔwɔ bɛka no.

9 Nea otu abo no, nya mu yaw, na nea ɔpae nnua no, emu na obepira

10 Sɛ obi dade ano akum na wansew ano a, ɛnne gye sɛ ɔma ahoɔden dɔɔso, nanso nyansa ma odi no yiye.

11 Sɛ ɔwɔ ka ansa na wɔkyere no kaberɛ a, mfaso bi nni hɔ mma kaberɛkyerefo no.

12 Onyansafo anom asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no.

13 N’anom asɛm mfiase yɛ nkwaseasɛm, na ne kasa awiei yɛ adammɔ bɔne.

14 Ɔkwasea ma nsɛm dɔɔso, nso onipa nnim nea ɛreba, na nea ɛbɛba n’akyi no, hena na ɔbɛkyerɛ no?

15 Nkwasea haw hyɛ nea onnim kurow mu kɔ brɛ.

16 Due, wo asase a wo hene yɛ abofra, na wo mmapɔmma to pon anɔpa.

17 Nhyira ne wo, asase a wo hene yɛ adehye ba, na wo mmapɔmma to pon bere a ɛsɛ mu, ahoɔden nti, na ɛnyɛ asabow nti.

18 Akwadworɔ nti na mpuran hunhuan, na anihaw ma ɔdan nwini.

19 Ɔserew nti na wosiesie aduan, na nsa ma ateasefo ani gye, na sika na ɛyɛ ne nyinaa.

20 Mpo w’adwene mu no, nnome ɔhene, anaa ɔdefo wɔ wo pia mu, na wim nnomaa de nne no bɛkɔ, na ntakraboa aka asɛm no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan