Nnwom mu dwom 8 - KYERƐW KRONKRONNnamfonom no daa nokwaredi 1 Oo sɛ anka woyɛ me nua a onum me na nufu ɛ! Sɛ mihu wo borɔn so a, anka mefew w’ano, nso obi remmu me animtiaa. 2 Anka megya wo makɔ me na fi, na woakyerɛkyerɛ me ade, na mama woanom nsa a wɔde aduhuam bi agu mu, m’atea nsa no bi. 3 Ne benkum hyɛ me ti ase, na ne nifa yɛ me atuu. 4 Meka mo ntam, Yerusalem mmabea: Munnnyan ɔdɔ na monnhwanyan no, gye sɛ ɔno ara pɛ ansa. 5 Ɛhena ne ɔbea yi a ɔforo fi sare so reba a otweri ne dɔfo yi? Minyan wo akutu no ase, ɛhɔ na wo na woo wo, ɛhɔ na wo wofo kyemee. 6 Fa me si wo koma so sɛ nsɔanode, fa me si wo basa so sɛ nsɔanode. Na ɔdɔ yɛ den sɛ owu, ninkuntwe mu yɛ duru sɛ asaman, ne nsramma yɛ ogya nsramma, AWURADE gyaframa. 7 Nsu pii ntumi nnum ɔdɔ, na nsubɔnten ntumi nsram so; sɛ obi de ne fi adedodow nyinaa ma de tɔ ɔdɔ mpo a, wɔremmu no hwee. 8 Yɛwɔ onuabea kumaa bi a ɔmmɔɔ nufu ɛ, dɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabea no da a wobebisa n’ase no? 9 Sɛ ɔyɛ ɔfasu a, yɛbɛto no so dwetɛ aban, na sɛ ɔyɛ ɔpon a, yɛde kyeneduru ntaaboo bɛbram ne ho. 10 Me de, meyɛ ɔfasu, na me nufu te sɛ aban atenten, ɛno na meyɛɛ n’ani so sɛ nea ɔde asomdwoe ba. 11 Solomon wɔ bobeturo bi Baal-hamon, ɔde bobeturo no maa ahwɛfo, sɛ n’aba nti wɔn nyinaa mmoma no dwetɛ apem apem. 12 Me bobeturo a ɛyɛ me de no wɔ m’anim; apem no nyɛ wo de, Solomon, na ahanu nyɛ n’aba ahwɛfo de. 13 Wo a wote nturo no mu no, wo mfɛfo retie wo nne; ma mintie ɛ! 14 Fa mmirika guan, me dɔfo, na yɛ wo ho sɛ ɔtwe anaa ɔforoteforo, nnuhuam mmepɔw so. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana