Nnwom mu dwom 7 - KYERƐW KRONKRONNkɔmmɔbɔ 1 Wo mpaboa mu anammɔn tutu yɛ fɛ dɛn ara, ɔdehye babea, w’asen ne w’ataaso te sɛ adwinni a odwumfo nsa ayɛ. 2 Wo funuma te sɛ kora kurukuruwa a mfrasa mmɔ no da, wo yafunu te sɛ awikuw bi a wɔde sukooko asisiaw ho. 3 Wo nufu abien te sɛ atweforo nta; 4 wo kɔn te sɛ asonse abantenten; w’aniwa te sɛ Hesbon atare a ɛwɔ Batrabim pon ho no; wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛkyerɛ Damasko fam no; 5 wo ti si wo so sɛ Karmel, wo ti nwi hwie te sɛ ntama a ɛberedum, ne mmɛsa afa ɔhene dommum. 6 Wo ho yɛ fɛ dɛn ara, na wosɔ ani dɛn ara, ɔdɔfo, anigyede horow no mu. 7 Wo kɛseyɛ yi te sɛ ɔbɛten, wo nufu te sɛ obobe kasiaw. 8 Mise, mɛforo bɛten maso ne mpopa mu, na ma wo nufu nyɛ sɛ obobe kasiaw, na wo hwenem hua nyɛ sɛ akutu, 9 na wo dodom nyɛ sɛ bobesa pa! Ɛno na ɛkɔ me dɔfo yiye, ɛma wɔn a wɔtɔ nko kasakasa. 10 Me de, meyɛ me dɔfo de, na me na n’ani gyina me. 11 Bra, me dɔfo, na yɛnkɔ petee mu, ma yɛnsoɛ nkuraa ase. 12 Ma yentua ahema nkɔ bobe nturo mu nkɔhwɛ sɛ obobe afefɛw, na ne nhwiren apaepae, sɛ atea agu nhwiren anaa? Ɛhɔ na meyi me dɔ makyerɛ wo. 13 Asaa no yiyi ne hua, na aba a ɛwɔ bo nyinaa wɔ yɛn pon ano, aba afoforo ne adedaw, me dɔfo, mede masie mama wo. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana