Nnwom mu dwom 5 - KYERƐW KRONKRONAyeforo no nnae 1 Maba me turo mu, me nua, ayeforo, meretetew me kurobow ne m’aduhuam, meredi me wokyɛm ne me wo, merenom me nsa ne me nufusu. Nnamfonom, munnidi, adɔfonom, monnom na mommee. 2 Me de, mereda no, na me koma nyanee. Me dɔfo nne ni, ɔpem se: Hiɛ me, me nua, m’adamfowaa, m’aborɔnoma a wudi mu; na obosu ayɛ m’atifi ma, anadwo nsosɔe ayɛ me mpɛsɛmpɛsɛ ma. 3 Mayi m’atade, mɛyɛ dɛn mahyɛ? Mahohoro me nan ho, mɛyɛ dɛn mayɛ no fi? 4 Me dɔfo teɛɛ ne nsa faa mfɛnsere mu, na me yam hyehyee me ne ho. 5 Ɛnna meresɔre sɛ mikohiɛ me dɔfo no, kurobow sosɔɔ me nsa ho, na kurobow sosɔɔ me nsa so, apratwom nsomu so. 6 Merehiɛ me dɔfo, na me dɔfo dan ne ho sen kɔe; ɔrekasa no, me koma tui; mehwehwɛɛ no, na manhu no, mefrɛɛ no, na wannye me so. 7 Awɛmfo a wokyin kurow mu no bɛtoo me, wɔbobɔɔ me, wopiraa me, afasu so awɛmfo gyee me nkataanim. Ayeforokunu no ahoɔfɛ 8 Meka mo ntam, Yerusalem mmabea, sɛ muhu me dɔfo a, monka nkyerɛ no sɛ meyare ɔdɔ. 9 Dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo bi, mmea mu ɔhoɔfɛfo? Dɛn na wo dɔfo de sen ɔdɔfo bi, sɛ woka ntam gu yɛn so sɛɛ yi? 10 Me dɔfo hoa na ɔbere, ɔdɛnsow nnipa mpem mpem mu. 11 Ne ti yɛ sika amapa pa, ne mpɛsɛmpɛsɛ yɛ kuhaa, ebiri sɛ anene. 12 N’aniwa te sɛ asuten ho mmorɔnoma a woguare nufusu, sisi ne mayɛ so. 13 N’afono te sɛ aduhuam akofi a nnuhuam yɛ so yiye; n’anofafa te sɛ sukooko fɛfɛ a ɛsosɔ kurobow; 14 ne nsa yɛ sika nnwinne a wɔde sikabereɛbo asisi mu; ne nipadua yɛ asonse dwinne a wɔde hoabo adura so. 15 N’asrɛ yɛ abofufu adum a esisi amapa nnyinaso so, ne suban te sɛ Lebanon, wɔapaw no sɛ kyeneduru nnua. 16 N’anom wɔ adɔkɔdɔkɔde, na ne ho nyinaa yɛ anisɔde ara nko. Me dɔfo ni, na m’adamfo ni, Yerusalem mmabea. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana