Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom mu dwom 4 - KYERƐW KRONKRON


Adamfowaa no ahoɔfɛ

1 Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, m’adamfowaa, hwɛ, wo ho yɛ fɛ, na w’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa, w’anim ntontan mu. Wo nwi te sɛ mmirekyikuw a wobutubutuw Gilead bepɔw ho.

2 Wo se te sɛ nguankuw a wɔatwitwa wɔn nwi a wofi aguaree a wɔn nyinaa awowo ntanta, na nea wabu kyenenee nni wɔn mu;

3 w’anofafa te sɛ koogyan hama, na w’anom kasa yɛ dɛ; w’asontɔre mu te sɛ atea aba fa, w’anim ntontan mu;

4 wo kɔn si so teateaa sɛ Dawid abantenten a akyɛm nketenkete apem sensɛn ho, ne nyinaa yɛ nnɔmmarima akyɛm;

5 wo nufu abien te sɛ atweforo nta a wodidi sukooko mu.

6 Mɛkɔ kurobow bepɔw ne ohuamfufu koko no so akosi sɛ onwini bedwo, na sunsuma bɛyera.

7 Wo ho nyinaa yɛ fɛ, m’adamfowaa, na ɛdɛm biara nni wo ho.

8 Ayeforo, wo ne me mfi Lebanon, wo ne me mfi Lebanon nkɔ, na yemfi Amena atifi, Senir ne Hermon atifi, agyata tenabea, asebɔ mmepɔw so, nhwɛ fam.

9 Woafa me koma, me nua, ayeforo, wode w’aniwa mu biako afa me koma, ne wo kɔn mu ntweaban biako.

10 Wo dɔ yɛ fɛ dɛn ara, me nua, ayeforo, wo dɔ yɛ dɛ sen nsa dɛn ara, na wo sradehuam hua sen nnuhuam nyinaa.

11 W’ano sosɔ ɛwomono, ayeforo, ɛwo ne nufusu wɔ wo tɛkrɛma ase, na wo ntade mu hua te sɛ Lebanon hua.

12 Me nua, m’ayeforo yɛ turo a woato ano pon mu, nsuaniwa a wɔasiw ano kwan, ne asubura a wɔasɔw ano.

13 W’abaa yɛ atea aba ne nnuaba a ɛwɔ bo turo, ahuahaa ne nnuannua horow,

14 nnuannua ne nkuto, osiko ne pɛprɛ ne ohuamfufu nnua nyinaa, kurobow ne dupapo ne nnuhuam atitiriw nyinaa;

15 nturo mu asubura, mmasu aniwa ne nsuwansuwa a efi Lebanon so sen.

16 Benkum fam mframa, sɔre, na nifa mframa nso, bra bɛbɔ me turo mu, ma ne nnuhuam nsosɔ. Ma me dɔfo mmra ne turo mu, na onni mu nnuaba a ɛwɔ bo no.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan