Nnwom mu dwom 3 - KYERƐW KRONKRONAdamfowaa no nokwaredi 1 Me nnae so, ɔdasu mu na mehwehwɛɛ nea me kra dɔ no no, mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. 2 Eyi de, mɛsɔre makyin kurow mu, mmɔnten so ne gua so. Mehwehwɛɛ nea me kra dɔ no no. Mehwehwɛɛ no, nanso manhu no. 3 Awɛmfo a wokyin kurow mu bɛtoo me: Nea me kra dɔ no no, muhuu no anaa? 4 Mitwaa wɔn ho kakraa pɛ no, ɛnna mihuu nea me kra dɔ no no, misoo no mu na mannyaa no mu kosii sɛ mede no mebaa me na fi, ne nea ɔwoo me no pia mu. 5 Meka mo ntam, Yerusalem mmabea, atwewa ne petee mu aforotebere ho ntam, sɛ munnnyan na monnhwanyan ɔdɔ kosi sɛ ɔno ara pɛ. 6 Hena ne oyi a ɔforo fi sare so ba sɛ owusiw a ɛsɔre tee, a kurobow ne huamfufu ne oguadifo nnuhuam nyinaa apun no yi? 7 Hwɛ, Solomon apakan no, nnɔmmarima aduosia atwa ho ahyia, wofi Israel nnɔmmarima mu. 8 Wɔn nyinaa kurakura mfoa, wɔasuasua akodi, wɔn mfoa bobɔ wɔn asen, anadwo wibɔ nti. 9 Ɔhene Solomon de Lebanon nnua yɛɛ apakan fɛfɛ fae. 10 Ɔyɛɛ n’adum dwetɛ, ne ntwerimu sika, n’agua yɛ ntama a ɛberedum, emu nso, Yerusalem mmabea de ɔdɔ adura mu. 11 Sion mmabea, mumfi adi mmɛhwɛ ɔhene Solomon, abotiri a ne na de bɔɔ no, ne yere hyia da ne ne koma anigye da no. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana