Nnwom mu dwom 2 - KYERƐW KRONKRONAdamfowaa ho anigyina 1 Me de, meyɛ Saron nhwiren, ne abon mu sukooko. 2 M’adamfowaa wɔ mmabea mu sɛ nsɔe ntam sukooko. 3 Me dɔfo wɔ mmabanin ntam sɛ akutu a ɛwɔ kwae mu nnua ntam, ne nwini mu na mepɛ matena, na n’aba yɛ me dodom dɛ. 4 Ɔde me aba apontow dan mu, na ne frankaa a edi me so ne ɔdɔ. 5 Momfa bobe aba tetare nwowaw me, momfa akutu aba nnwudwo me, efisɛ meyare ɔdɔ. 6 Ao sɛ anka ne nsa benkum hyɛ me ti ase, na ne nifa yɛ me atuu. 7 Meka mo ntam, Yerusalem mmabea, atwewa ne petee mu aforotebere ho ntam, sɛ munnnyan na monnhwanyan ɔdɔ kosi sɛ ɔno ara pɛ. 8 Me dɔfo nne ni! Hwɛ, ɔreba ni! Ohuruw tratra mmepɔw, ɔbɔ nkoko so pentenkwaw. 9 Me dɔfo te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteforo. Hwɛ sɛ ogyina yɛn fasu akyi, ɔhwɛ mfɛnsere mu, otwam nyinam ahunaniankansa mu. 10 Me dɔfo kasa se me sɛ: Sɔre ɛ, m’adamfowaa, me yima, na bra ɛ! 11 Na hwɛ, awɔwbere atwam, asusow agyae na ɛkɔ koraa. 12 Nhwiren yi ne ho adi asase so, dwonto bere adu, na wɔte aturukuku nka, yɛn asase so. 13 Borɔdɔma rema n’abunabun agyigye, na obobe nnwennaa reyi ne hua. Sɔre, m’adamfowaa, me yima, na bra ɛ! 14 M’aturukuku a wowɔ ɔbotan tokuru mu ne sorɔnsorɔmmea ahintawee, ma minhu w’anim, ma mente wo nne, na wo nne yɛ dɛ, na w’anim yɛ fɛ. 15 Monkyere sakraman mma yɛn, sakraman nketewa a wɔsɛe bobe nturo no, na yɛn bobe asosow nnwennaa. 16 Me dɔfo wɔ me, na me nso mewɔ no, ɔno a ɔyɛn ne nguan sukooko mu. 17 Dan wo ho, me dɔfo, na yɛ sɛ ɔtwe anaa ɔforoteforo, mpaapaemu mmepɔw so, kosi sɛ onwini bedwo na sunsuma ayerayera. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana