Nnwom 98 - KYERƐW KRONKRONAWURADE reba Dwom 1 Monto dwom foforo mma AWURADE, na wayɛ anwonwade, ne nifa ne ne basa kronkron adi nim ama no. 2 AWURADE ama wɔahu ne nkwagye, wayi ne trenee adi, amanaman anim. 3 Wakae n’adɔe ne ne nokware ama Israel fi, asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye. 4 Nsaase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE, monteɛm nni ahurusi nto ayeyi dwom. 5 Monto dwom mma AWURADE, sanku so, ɔsanku ne dwonto nne so. 6 Momfa torobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose, ɔhene AWURADE anim. 7 Ma ɛpo ne ne mayɛ nworo, wiase ne wɔn a wɔte mu. 8 Ma asu akɛse mmobɔ nsam, mmepɔw mmom nni ahurusi, 9 AWURADE anim, na ɔreba abebu asase atɛn, obebu wiase atɛn, trenee mu, ne amanaman, atɛntrenee mu. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana