Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 97 - KYERƐW KRONKRON


Onyankopɔn ahenni wɔ awiei bere no mu

1 AWURADE di hene ma, asase ho san no, nsupɔw bebree no ani gye.

2 Omununkum ne sum atwa ne ho ahyia, trenee ne atemmu ne n’ahengua nnyinaso.

3 Ogya di n’anim, na ɛrehyew n’ahohiafo hyia.

4 N’anyinam haran wiase, asase hu, na ɛpopo.

5 Mmepɔw nan sɛ hweawa AWURADE anim, asase nyinaa Awurade anim.

6 Ɔsoro keka ne trenee kyerɛ, na aman nyinaa hu n’anuonyam.

7 Ahonisomfo, wɔn a wɔde abosonhuhuw hyehye wɔn ho no nyinaa ani awu, mo anyame nyinaa, monkotow no.

8 Sion te, na n’ani gye, Yuda mmabea ho san wɔn, AWURADE, w’atemmu nti.

9 Na wo AWURADE ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so, wɔama wo so koraa, wɔ anyame nyinaa so.

10 Mo a modɔ AWURADE, munkyi bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam.

11 Wɔde hann agu ama ɔtreneeni, ne anigye ama koma mu teefo.

12 Treneefo, mo ani nnye AWURADE ho, na munyi ne din kronkron ayɛ.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan