Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 95 - KYERƐW KRONKRON


Momma yɛnsɔre AWURADE

1 Mommra mma yɛnto anigye dwom mma AWURADE, momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagye botan.

2 Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na yɛmfa nnwom nni ahurusi mma no.

3 Na AWURADE yɛ Onyankopɔn kɛse ne ɔhenkɛse, anyame nyinaa so.

4 Ne nsam na asase mu ahintade wɔ, na mmepɔw so srɔnsrɔn nso wɔ no.

5 Ɔno na ɛpo wɔ no, na ɔno na ɔyɛe, na asase kesee nso, ne nsa na ɛnwenee.

6 Mommra mma yemmutuw nkotow nsɔre AWURADE, yɛn yɛfo anim.

7 Na ɔno ne yɛn Nyankopɔn, na yɛn de, yɛyɛ n’adidibea nkurɔfo ne ne nsam nguan. Ɛnnɛ mote ne nne no ɛ!

8 Monnyɛ mo koma dennen sɛ Meriba, sɛ Masa da no, sare so hɔ,

9 bere a mo agyanom gyigyee m’ano, na wɔsɔɔ me hwɛe no, nanso wɔanya me nnwuma nhui.

10 Mfe aduanan na awo ntoatoaso no ho yɛɛ me ahi, na mekae sɛ: Ɔman a wɔfom komam ne wɔn. Na wɔn de, wɔanhu m’akwan.

11 Na ɛma mekaa m’abufuw mu ntam, sɛ wɔrennu me home mu.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan