Nnwom 94 - KYERƐW KRONKRONOnyankopɔn yɛ ɔweredifo 1 Aweredi Nyankopɔn, AWURADE, aweredi Nyankopɔn, pue. 2 Asase temmufo, ma wo ho so, tua ahokyerɛfo ka. 3 AWURADE, enkosi da bɛn na abɔnefo, enkosi da bɛn na abɔnefo nni ahurusi? 4 Wɔka asɛnnennen, amumɔyɛfo nyinaa di ahantansɛm. 5 Wo man de, AWURADE, wɔrebɔ no pasaa, na wɔbrɛ w’agyapade ase. 6 Wokum okunafo ne ɔhɔho, na wodi nyisaa awu; 7 na wɔka sɛ: AWURADE renhu, na Yakob Nyankopɔn remmu. 8 Ɔman mu agyimifo, monte ase, na mo nkwasea, da bɛn na mubehu de? 9 Nea ɔtɛw aso no, so ɔrente asɛm, anaa nea ɔnwenee aniwa no, ɔrenhu ade? 10 Nea ɔtwe amanaman aso no, so ɔrenteɛ so, nea ɔkyerɛ nnipa nimdeɛ no, ɔno ɛ? 11 AWURADE hu nnipa adwene sɛ ɛyɛ ahuhude. 12 Nhyira ne onipa a wo, AWURADE, wotwe n’aso, na wufi wo mmara no mu kyerɛkyerɛ no, 13 sɛ wobɛma no nna bɔne ho abodam akosi sɛ wobefunu amoa ama ɔbɔnefo. 14 Na AWURADE rentow ne man nkyene, na ɔrennyaw n’agyapade, 15 na atemmu bɛsan akɔ trenee mu, na komam teefo nyinaa bedi akyiri. 16 Hena na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfo adi asi ama me? Hena na obegyina ne amumɔyɛfo adi asi ama me? 17 Sɛ ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛ me boafo a, anka aka kumaa na me kra akɔtena kommyɛ mu. 18 Sɛ mise me nan rewatiriw a, wo, AWURADE, w’adɔe na ɛwaw me. 19 Me mu dadwen dɔɔso a, w’awerɛkyekye gye me kra ani. 20 So amammɔe agua a ɛnam mmara so bɔ mmusu no ne wo bɛfa ayɔnko anaa? 21 Wɔbɔ ɔtreneeni kra so tukuw, na wobu mogya a edi bem fɔ. 22 Nanso AWURADE ayɛ me abankɛse, na me Nyankopɔn ayɛ me guankɔbea botan. 23 Na ɔde wɔn mmusu abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti obeyi wɔn hɔ; Yiw, AWURADE, yɛn Nyankopɔn beyi wɔn hɔ. |
Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana