Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 93 - KYERƐW KRONKRON


Daa hene

1 AWURADE di hene, ɔde anuonyam ahyehyɛ ne ho. AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho, na wiase tim hɔ a ɛrenhim.

2 W’agua tim hɔ fi tete, wowɔ hɔ fi daa.

3 Asuten ama so, AWURADE, asuten ama wɔn nne so, asuten ma wɔn huuyɛ so.

4 Nea ɔsen nsukɛse nne, nsu a ɛwɔ tumi, po mu asorɔkye nne, ɔne ɔsoro hɔ tumfo AWURADE

5 W’adansesɛm yɛ nokware pii; kronkronyɛ na ɛfata wo fi, AWURADE, nnasanten nyinaa.

Revised Akuapem Twi DC Bible © Bible Society of Ghana, 2017. 

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan